Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Yesu see no sɛ: Ɔbea, gye me di sɛ, da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Yesu see no sɛ: Ɔbaa, gye me di sɛ, dɔn no reba a ɛnyɛ bepɔ yi so, anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Merema woate ase sɛ bere bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔw yi so anaa Yerusalem.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Yesu see no sɛ: Ɔbaa, gye me di sɛ, dɔn no reba a ɛnyɛ bepɔ yi so, anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔ yi so anaa Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Yesu see no sɛ: Ɔbea, gye me di sɛ, da no reba a ɛnyɛ bepɔw yi so anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:21
20 Iomraidhean Croise  

Sɛ AWURADE se ni: Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso, ɔdan bɛn na mubesi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?


Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosonhunu ahyɛ wɔn komam, na wɔde wɔn amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim, sɛ obisa na mɛma wɔabisa me ase ama wɔn?


Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanyimfo no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So me hɔ adebisa na mobae yi? Sɛ mete ase yi, ampa ara meremma wommisa me ade mma mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Na efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na wɔhyew aduhuam bɔ afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu, asafo Awurade na ose.


Na nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔ wɔn mfinimfini.


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Na wɔbɛtotɔ nkrante ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman betiatia Yerusalem so de akosi sɛ amanaman no bere bewie du.


Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.


Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkurow mu, na moagyaw me nko; nanso ɛnkaa me nko ɛ, efisɛ Agya no ka me ho.


Na bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre Agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na Agya no rehwehwɛ.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na adu a awufo bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔte no benya nkwa.


Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ adakamena mu nyinaa bɛte ne nne,


Na yɛate sɛ ɔkae sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakra amanne a Mose de ama yɛn no.


efisɛ ɔno so na yɛn baanu nyinaa nam honhom biako mu anya ɔkwan kɔ Agya no nkyɛn.


Eyi nti na mede me nkotodwe mekotow Agya


Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpae wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho tew so a abufuw anaa akyinnye mma mu.


Na sɛ mofrɛ nea ɔnhwɛ nnipa anim na obu atɛn sɛnea obiara adwuma te no sɛ Agya a, momfa osuro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tena bere yi mu,


Na manhu asɔredan bi wɔ mu; na Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo, ne Oguammaa no ne n’asɔredan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan