Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:18 - KYERƐW KRONKRON

18 na woaware kununom baanum, na nea woware no nnɛ yi de, ɔnyɛ wo kunu. Eyi de woaka no nokware mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 na wo ne mmarima baanum na atena, na deɛ wo ne no wɔ hɔ seesei ara yi mpo, ɔnyɛ wo kunu. Yei deɛ woaka no nokorɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ mprempren no nyɛ wo kunu mpo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

18 na wo ne mmarima baanum na atena, na deɛ wo ne no wɔ hɔ seesei ara yi mpo, ɔnyɛ wo kunu. Yei deɛ woaka no nokorɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ seesei no mpo, ɔnyɛ wo kunu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 na woaware kununom baanum, na nea woware no nnɛ yi de, ɔnyɛ wo kunu. Eyi de woaka no nokware mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:18
16 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbea a woakɔfa no no nti woawu awie, efisɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere.


Na asase no so otitiriw Hewini Hamor ba Sekem huu no no, ɔkyeree no, too no mmonaa guu ne ho fi.


Na wose: So ɔnyɛ yɛn nuabea sɛ oguamanfo anaa?


Ampa, sɛ ɔbea twa ne dɔfo nkontompo no, sɛ mo, Israel fi, moatwa me nkontompo ne no, AWURADE asɛm ni.


Ɔyere a ɔsɛe aware, ɔfa ananafo si ne kunu ananmu.


Ɛno nti, aguaman, tie AWURADE asɛm!


Eyi ne ninkuntwe ho mmara. Sɛ ɔbea bi fi ne kunu akyi kogu ne ho fi


na sɛ ɔbea no nso gyaa ne kunu na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware.


Osee no sɛ: Kɔfrɛ wo kunu bra ha!


Ɔbea no bua kae sɛ: Minni kunu. Yesu see no sɛ: Woaka no yiye sɛ wuse: Minni kunu;


Ɔbea no see no sɛ: Owura, mahu sɛ woyɛ odiyifo.


Enti okunu no da so te ase no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefo; na sɛ okunu no wu a, na wayi ne ho afi mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforo a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefo.


Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.


Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne ti ade aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapade mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfi ne nuanom mu ne ne kurow pon ano; mone adansefo nnɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan