Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Ɔbea no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wunni ade a wɔde tow, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wunya nkwa nsu no fi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wonni adeɛ a wɔde toɔ, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wonya nkwa nsuo no fire?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbea no bisae se, “Owura, wunni hama, nni bokiti; abura yi mu nso dɔ yiye, na ɛhe na wubenya saa nkwa nsu no afi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wonni adeɛ a wɔde toɔ, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wonya nkwa nsuo no fire?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbaa no bisaa sɛ, “Owura, wonni ahoma, nni bokiti, abura yi mu nso dɔ yie, na ɛhe na wobɛnya saa nkwa nsuo no afiri?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Ɔbea no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wunni ade a wɔde tow, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wunya nkwa nsu no fi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:11
10 Iomraidhean Croise  

Na bɔne abien na me man ayɛ, wɔagyaw me a meyɛ nkwa nsuti no sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaepae a entumi nnyina nsu.


Nikodemo see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyin no, wobetumi awo no? Obetumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no anaa?


Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.


Na da a edi akyiri a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛse no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteɛɛm sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn menom nsu


Na Petro se: Dabida, Awurade, efisɛ minnii biribi a wokyi anaasɛ ɛho ntew da.


Na onipa a onni honhom no nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu mu atɛn honhom mu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase ne awiei no. Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no kwa.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu,


Na honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.


Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan