Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 4:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Yesu bua see no sɛ: Sɛ wunim Onyankopɔn akyɛde ne nea ose wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu buaa no se, “Sɛ wunim akyɛde a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsu yi a anka wobɛsrɛ no na wama wo nkwa nsu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsuo yi a, anka wobɛsrɛ no, na wama wo nkwa nsuo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Yesu bua see no sɛ: Sɛ wunim Onyankopɔn akyɛde ne nea ose wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 4:10
49 Iomraidhean Croise  

AWURADE, wobetie nea ahobrɛasefo pɛ, wohyɛ wɔn koma den, na woama w'aso aba so


Asu bi, n’abaa ma Onyankopɔn kurow ani gye, ɔsorosoroni tenabea kronkron no.


Hwɛ, megyina w'anim wɔ Horeb ɔbotan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsu befi mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ sa wɔ Israel mpanyin no anim.


nturo mu asubura, mmasu aniwa ne nsuwansuwa a efi Lebanon so sen.


Na mode anika bɛsaw nsu afi nkwagye asubura no mu.


ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato ahurusi dwom, na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anwea pradada so;


Me, AWURADE, mafrɛ wo trenee mu, na maso wo nsa, na makora wo, na mede wo mayɛ ɔman apam ne amanaman hann


Wuram mmoadoma bɛhyɛ me anuonyam, sakraman ne nsohori, sɛ mama nsu aba sare so na nsubɔnten aba anwea pradada so, na mede mama me man a mapaw wɔn no anom,


Na mehwie nsu magu nea osukɔm de no so, ne nsuwansuwa magu asase kesee so; mehwie me honhom magu w’asefo so, ne me nhyira magu wɔn a wofi wo mu so,


ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm renne wɔn, na ɔhyew ne owia renka wɔn, na nea ohu wɔn mmɔbɔ no begya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasu so kwan.


Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufo nwonwani, Onyankopɔn tumfo, Daa agya, Asomdwoe hene;


Na bɔne abien na me man ayɛ, wɔagyaw me a meyɛ nkwa nsuti no sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaepae a entumi nnyina nsu.


Ɛno nti, aguaman, tie AWURADE asɛm!


Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.


Na ɛda no, ɛbɛba sɛ nkwa nsu betue afi Yerusalem, emu fa bɛkɔ apuei fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔe fam po no mu, ahohurubere ne awɔwbere mu na ɛbɛba.


Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no?


Na wɔbɛyɛ eyinom, efisɛ wonhuu Agya no ne me ɛ.


Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.


Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.


Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.


Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa abodoo no; nea ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na nea ogye me di no, osukɔm renne no da.


Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam.


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔn a wɔfrɛ no: Turodoo no so, na kobisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no akyi kwan wɔ Yuda fi; na hwɛ, ɔrebɔ mpae,


Nea wankame yɛn n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?


Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn.


na wɔn nyinaa nom honhom fam anonne koro, na wɔnom fii honhom fam botan a na edi wɔn akyi no mu; na ɔbotan no ne Kristo.


Na aseda nka Onyankopɔn n’akyɛde a enni kabea no ho.


Na adom na wɔde nam gyidi so agye mo nkwa, emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde,


Na entumi mma sɛ, wɔn a wɔanya hann pɛn, na wɔaka ɔsoro akyɛde no ahwɛ, na wɔanya Honhom Kronkron no bi,


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase ne awiei no. Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no kwa.


Na honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.


Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan