Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 3:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Nea wofi honam mu awo no no yɛ ɔhonam; na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nea wofi ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Deɛ wɔfiri onipa mu awo no no, yɛ ɔhonam, na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, yɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Nea wofi honam mu awo no no yɛ ɔhonam; na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 3:6
25 Iomraidhean Croise  

Na Adam dii mfirihyia ɔha aduasa na ɔwoo babarima wɔ ne sɛso so sɛ ne suban so, na ɔtoo no din Set.


Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so.


Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no ho bɛtew?


Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.


a emfi mogya anaasɛ nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ mu, na mmom efi Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.


Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Etwa sɛ wɔwo mo foforo.


Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, efisɛ papa ho pɛ de, ɛwɔ me mu, na mmom sɛnea mɛyɛ no de, mentumi.


Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnne afei me ara mede m’adwene mesom Onyankopɔn mmara, na ɔhonam de, mede mesom bɔne mmara.


Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsode nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnsow aba mma owu.


Na sɛ mote ase honam fam a, mubewu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛe a, mobɛtena ase.


Na nea ɔde ne ho bɔ Awurade ho no ne no yɛ honhom koro.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo; nneɛma dedaw no atwam, hwɛ, nneɛma nyinaa ayɛ foforo.


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu de abɔ ɔhonam ne ne nhyɛsode ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.


ɔno mu nso na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na nea ɛwɔ ɔhonam nipadua mu a woyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.


Obiara a Onyankopɔn awo no no nyɛ bɔne, efisɛ ne su te ne mu, na ontumi nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn na wawo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan