Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 3:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 3:16
28 Iomraidhean Croise  

Na ose: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee, na afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no.


Na ɔkae sɛ: Fa wo ba, wo ba koro a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, wɔ mmepɔw no mu biako a mɛkyerɛ wo so.


Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Ɔfotufo nwonwani, Onyankopɔn tumfo, Daa agya, Asomdwoe hene;


Na monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ treneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.


Nanso na aka obiako, ne ba a ɔdɔ no; na akyiri no, ɔsomaa ɔno nso kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ: Wɔbɛfɛre me ba.


Anuonyam nka Onyankopɔn, wɔ sorosoro na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.


na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhuam wɔn mfi me nsam da.


na obiara a ogye no di no anya daa nkwa.


Nea ogye no di no, wommu no atɛn; na nea onnye nni no, wɔabu no atɛn dedaw sɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no din no anni.


Nea ogye Ɔba no di no wɔ daa nkwa; na nea ontie Ɔba no no renhu nkwa, na Onyankopɔn abufuw da no so.


Na eyi ne m'Agya a ɔsomaa me no apɛde, sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa; na menyan no ɛda a edi akyiri no.


Na sɛ, bere a yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne ba no wu so apata yɛne Nyankopɔn ntam a, na afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wobegye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu.


Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.


Nea wankame yɛn n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?


Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborohunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so


Na ɔno, yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa adom mu no,


Na yɛn Agyenkwa Onyankopɔn adɔeyɛ ne ne dɔ yii ne ho adi no,


Na mmom, yehu Yesu, nea bere tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase sen abɔfo no, sɛnea ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owu ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seisei esiane owu amanehunu nti, wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri.


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no.


Yɛdɔ, efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefo nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo. Nea ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya aguare yɛn afi yɛn bɔne mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan