Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 3:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfo na wunnim eyinom?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu buaa no se, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfo a wudi mu wɔ Israel na wonte eyi ase?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Yesu buaa no sɛ, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfoɔ a wodi mu Israel na wonte yei ase?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfo na wunnim eyinom?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 3:10
28 Iomraidhean Croise  

Na me ba Solomon nso, ma no koma a edi mu, na ɔnhwɛ wo mmara nsɛm, w’adanse ne w’ahyɛde, na ɔnyɛ ne nyinaa, na ɔnto aban a masiesie ho no.


Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.


Hwɛ, wopɛ nokware, m’asaabo mu, na ma minhu nyansa me mu ahintawee mu.


Ampa ara, Onyankopɔn ye ma Israel, ma wɔn a wɔn komam tew.


N’awɛmfo yɛ anifuraefo, wɔn nyinaa nnim de; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wontumi mmobom; wɔyɛ nnamukasafo deda hɔ, wɔtɔ nko.


Na ɔman yi akwankyerɛfo ma wɔfom, na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.


Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, AWURADE asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Na mɛma wɔn koma koro, na mede honhom foforo mahyɛ mo mu, na mayi ɔbo koma no mafi wɔn honam mu, na mama wɔn ɔhonam koma,


Saa bere no ara mu Yesu kae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa.


Munnyaa wɔn, wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mofom, na munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi.


Na ɛbae sɛ ne nnansa so no, wokohuu no wɔ asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm.


Na ɛbae sɛ da bi a ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne mmara akyerɛkyerɛfo a wofi Galilea ne Yudea nkuraa nyinaa ase ne Yerusalem aba tete hɔ; na Awurade ahoɔden wɔ no so a ɔde sa yare.


Nikodemo bua see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na eyinom ayɛ hɔ?


Na baguafo no mu biako a ɔyɛ Farisini a ne din de Gamaliel a ɔyɛ mmarakyerɛfo a ɔman no nyinaa bu no, sɔre hyɛe sɛ wɔmfa nnipa no mfi adi kakra.


Na ɛnyɛ nea ɔda adi saa na ɔyɛ Yudani, nso ɛnyɛ nea ɛda adi saa ɔhonam mu na ɛyɛ twetiatwa,


Enti muntwitwa mo koma twetia, na munnsen mo kɔn bio.


Na AWURADE wo Nyankopɔn betwa wo koma ne w’asefo koma twetia, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.


Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so.


ɔno mu nso na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na nea ɛwɔ ɔhonam nipadua mu a woyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan