Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 21:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atade kyekyeree ne ho so, efisɛ na ɔda adagyaw, na ɔtow ne ho hwee po no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade a! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atadeɛ kyekyeree ne ho soɔ, ɛfiri sɛ na ɔda adagya, na ɔtoo ne ho hwee ɛpo no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro se, “Ɛyɛ Awurade.” Bere a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no ɔhyɛɛ nʼatade, (efisɛ na waworɔw) huruw tɔɔ asu no mu guare kɔɔ mpoano hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade a! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atadeɛ kyekyeree ne ho soɔ, ɛfiri sɛ na ɔda adagya, na ɔtoo ne ho hwee ɛpo no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɛyɛ Awurade.” Ɛberɛ a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ nʼatadeɛ, huri tɔɔ nsuo no mu dware kɔɔ mpoano hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atade kyekyeree ne ho so, efisɛ na ɔda adagyaw, na ɔtow ne ho hwee po no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 21:7
20 Iomraidhean Croise  

AWURADE na ɔmaa eyi yɛe, ɛyɛ nwonwa, yɛn ani so.


Nsu pii ntumi nnum ɔdɔ, na nsubɔnten ntumi nsram so; sɛ obi de ne fi adedodow nyinaa ma de tɔ ɔdɔ mpo a, wɔremmu no hwee.


Na sɛ obi se mo sɛ: Adɛn na moyɛ eyi a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma wɔde no aba ha.


Mommɔ abɔso, na momma mo akanea nnɛw;


sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


Na eyi nti mise wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, efisɛ ɔdɔ pii. Na nea wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi.


Na asuafo no mu biako a Yesu dɔ no tweri Yesu kokom;


Na Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔne no gyina hɔ no, osee ne na sɛ: Ɔbea, hwɛ, wo ba ni!


Ɛnna otuu mmirika baa Simon Petro ne osuani biako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na osee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afi ɔda no mu, na yennim nea wɔde no akɔto.


Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfem kyerɛɛ wɔn. Na asuafo no huu Awurade no, wɔn ani gyei.


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


Ɛnna Petro dan n’ani no, ohuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ odi wɔn akyi, ɔno na otwerii ne kokom adidi no ase a ɔkae sɛ: Awurade, hena ne nea obeyi wo ama no?


Oyi ne osuani a odi eyinom ho adanse na ɔkyerɛw eyinom no; na yenim sɛ n’adanse no yɛ nokware.


Na asuafo a aka no nam ɔkorow kumaa no mu bae, na wɔne asase so nware, na ɛbɛyɛ sɛ basafa ɔha, na wɔtwee asawu no ne mpataa no.


Sɛnea asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma bere a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoe ho asɛmpa no te no; ɔne nnipa nyinaa wura.


Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.


Onipa a odi kan no fi fam yɛ famni; onipa a otia abien no fi soro.


Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; efisɛ yebu atɛn sɛ, obiako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.


Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ anuonyam wura no ho gyidi nnni afra.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan