Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 20:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Ɛnna otuu mmirika baa Simon Petro ne osuani biako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na osee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afi ɔda no mu, na yennim nea wɔde no akɔto.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɛnna ɔtuu mmirika baa Simon Petro ne osuani baako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu, na yɛnnim faako a wɔde no akɔtoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ohuu saa no ɔde ahoɔhare kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afi ɔda no mu na minnim faako a wɔde no akɔto!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛnna ɔtuu mmirika baa Simon Petro ne osuani baako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu, na yɛnnim faako a wɔde no akɔtoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔhunuu saa no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ Simon Petro ne osuani a Yesu dɔ no no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa bi akɔfa Awurade amu no afiri ɛda no mu na mennim faako a wɔde no akɔto!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɛnna otuu mmirika baa Simon Petro ne osuani biako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na osee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade afi ɔda no mu, na yennim nea wɔde no akɔto.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 20:2
9 Iomraidhean Croise  

Na asuafo no mu biako a Yesu dɔ no tweri Yesu kokom;


Na Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔne no gyina hɔ no, osee ne na sɛ: Ɔbea, hwɛ, wo ba ni!


Na wobisaa no sɛ: Ɔbea, adɛn na wusu? Osee wɔn sɛ: Efisɛ wɔafa me wura kɔ, na minnim faako a wɔde no akɔto ntia.


Yesu see no sɛ: Ɔbea, adɛn na woresu? Wohwehwɛ hena? Na ɔno de, osusuwii sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfo nti, osee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔto, na menkɔfa no!


Na na wonnya nhuu kyerɛwsɛm no sɛ etwa sɛ ɔsɔre fi awufo mu no ɛ.


Ɛnna Petro dan n’ani no, ohuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ odi wɔn akyi, ɔno na otwerii ne kokom adidi no ase a ɔkae sɛ: Awurade, hena ne nea obeyi wo ama no?


Oyi ne osuani a odi eyinom ho adanse na ɔkyerɛw eyinom no; na yenim sɛ n’adanse no yɛ nokware.


Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atade kyekyeree ne ho so, efisɛ na ɔda adagyaw, na ɔtow ne ho hwee po no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan