Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 20:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na obehui sɛ wɔayi ɔbo no afi ɔda no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutuutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na ɔbɛhunuu sɛ wɔayi ɔboɔ no afiri ɛda no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Kwasida anɔpahema na Maria Magdalene sɔre kɔɔ ɔda no so kohuu sɛ obi apirew ɔbo no afi ɔboda no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutuutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na ɔbɛhunuu sɛ wɔayi ɔboɔ no afiri ɛda no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Kwasiada anɔpahema, Maria Magdalene sɔre kɔɔ da no so kɔhunuu sɛ obi apire ɛboɔ no afiri ɔboda no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na obehui sɛ wɔayi ɔbo no afi ɔda no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 20:1
19 Iomraidhean Croise  

na Maria Magdalene ne Maria, Yakob ne Yosef ne na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho.


Na ɔde kɔtoo ɔno ara ne da foforo a watwa ɔbotan mu mu, na opirew ɔbo kakraka bi hinii ɔda no ano, na ofii hɔ kɔe.


Enti ma wɔnkɔwɛn ɔda no yiye nkodu da a ɛto so abiɛsa no, na asuafo no ammewia no, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyan afi awufo mu, na anka akyiri yi nnaadaa bɛsen kan de no.


Na wɔkɔe kɔsɔɔ ɔbo no ano maa awɛmfo no wɛn ɔda no.


Na homeda no twaam no, da a edi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria biako no bae sɛ wɔrebɛhwɛ ɔda no.


Na hwɛ, asase wosowee kɛse pa ara; na Awurade bɔfo fi soro sian bae bemunum ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so.


Na Yosef tɔɔ nwera, na oyii Yesu de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɔda a wɔatwa no ɔbotan bi mu mu, na opiaa ɔbo de kataa ɔda no ano.


[Na ɔsɔree da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no kan].


Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɔda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔbo hini ano.


Ɛnna woyii ɔbo no. Na Yesu maa n’ani so kae sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Nso Yesu ne na ne ne na nuabea, Maria, Klopa yere, ne Maria Magdalene gyina Yesu asɛnnua no ho.


Na ɛno akyi nnawɔtwe, n’asuafo no wɔ ɔdan mu bio, na Toma ka wɔn ho. Na Yesu bae, nso apon no mu atoto, na obegyinaa wɔn mfinimfini, na ɔkae sɛ: Asomdwoe nka mo!


Na nnawɔtwe mu da a edi kan no a yehyiae sɛ yɛrebubu abodoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, efisɛ ade kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kosii ɔdasum.


Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie, na mamma ansa na wɔayi tow no.


Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi sɛ torobɛnto


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan