Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Yesu see no sɛ: Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Yesu see no sɛ: Ɔbaa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnurui!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu ka kyerɛɛ ne na se, “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ? Me bere nnya nnui.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Yesu see no sɛ: Ɔbaa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnurui!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu ka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛsɛ me yɛ, me berɛ nnya nnuruiɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Yesu see no sɛ: Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 2:4
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene se: Dɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma ɔnnome ara, na AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! Na ɛhena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na woyɛ sɛɛ?


Na Dawid se: Dɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ me nnipa a wɔne me di asi nnɛ yi? So nnɛ wonkum obi Israel anaa? So minnim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa?


Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Onyankopɔn nipa, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!


Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase:


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O ɔbea, wo gyidi so; ɛnyɛ mma wo sɛnea wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babea no ho yɛɛ no den.


Na hwɛ, wɔteɛteɛɛm sɛ: Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ wobɛyɛ yɛn ayayade ansa na bere no adu anaa?


Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fi?


Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam.


Na Twam afahyɛ no rebedu no, Yesu nim sɛ ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wiase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.


Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wonni nsa.


Na wobisaa no sɛ: Ɔbea, adɛn na wusu? Osee wɔn sɛ: Efisɛ wɔafa me wura kɔ, na minnim faako a wɔde no akɔto ntia.


Yesu see no sɛ: Ɔbea, adɛn na woresu? Wohwehwɛ hena? Na ɔno de, osusuwii sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfo nti, osee no sɛ: Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me faako a wode no akɔto, na menkɔfa no!


Eyi nti anka wɔhwehwɛ no akyere no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me de, me bere nnya nnui, na mo bere de, edu daa.


Mo de, monkɔ afahyɛ yi ase. Me de, minnya menkɔɔ afahyɛ yi ase; efisɛ me bere nnya nnui.


Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefi no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankyere no, efisɛ ne dɔn nnya nnui.


Enti afei nnɛ yi, yennim obiara ɔhonam fam; na sɛ yehuu Kristo ɔhonam fam mpo a, afei de, yennim no saa bio.


nea ɔkae wɔ n’agya ne ne na ho sɛ: Minnim wɔn! Na ɔpaa ne nuanom, na ɔpoo n’ankasa ne mma no. Na wodi wo nsɛm so, na wɔkora w’apam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan