Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔahyia Yesu ne n’asuafo no nso aba ayeforo no ase bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ nso baa ayeforɔ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 na wɔato nsa afrɛ Yesu ne nʼasuafo no nso aba hɔ bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ nso baa ayeforɔ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nso kɔɔ hɔ bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔahyia Yesu ne n’asuafo no nso aba ayeforo no ase bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 2:2
30 Iomraidhean Croise  

Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛm, na obi rente ne nne abɔnten so;


Na ɔhene bebua ase wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moyɛ maa me.


Ɛnna obebua wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, sɛ moanyɛ amma nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me.


Eyi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔne ne na, ne nuanom, ne n’asuafo no, na wɔanni nna bebree wɔ hɔ.


Na n’asuafo no kaee sɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo fi ho mmɔdemmɔ amene me.


Enti ɔsɔre fii awufo mu no, na n’asuafo no kaee sɛ waka eyi, na wogyee kyerɛw no ne nsɛm a Yesu kae no dii.


Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wonni nsa.


Eyinom akyi no, Yesu ne n’asuafo no baa Yudea asase so; na ɔne wɔn tenaa hɔ, na ɔbɔɔ asu.


Nso Yesu ankasa de, na ɔmmɔ asu, na mmom n’asuafo no.


Enti n’asuafo no sisee wɔn ho sɛ: Obi abrɛ no biribi adi anaa?


Na n’asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan.


Na wɔmeemee no, osee n’asuafo no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.


Na eduu anwummere no, n’asuafo no kɔɔ mpoano,


Enti n’asuafo mu pii tee no, wɔkae sɛ: Asɛm yi yɛ den, hena na obetumi atie?


Efi ɛno so no, n’asuafo mu pii san wɔn akyi, na wɔne no annantew bio.


Ɛnna Yesu see dumien no sɛ: Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?


Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi anaa? Na mo mu biako yɛ ɔbonsam!


Ɔde Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebeyi no ama, nso ɔyɛ dumien no mu biako.


Na asuafo no mu biako, Andrea, Simon Petro ne nua, ka kyerɛɛ no sɛ:


Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Fi ha kɔ Yudea, na w’asuafo nso nhu wo nnwuma a woyɛ no.


na ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirihyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo bebree; na Antiokia na wodii kan too asuafo no din Kristofo.


Na asuafo no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmiako mmiako de biribi bɛmena anuanom a wɔte Yudea no, sɛnea wɔn mu biara betumi, na wɔde ahwɛ wɔn.


Enti sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!


Ɔbea kunu te ase no, na mmara akyekyere no; na sɛ ne kunu no ka baabi a, na ɔde ne ho, na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, na mmom Awurade mu nko na ɔnyɛ.


Na biribiara a moyɛ no asɛm mu anaa adwuma mu, monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa no so nna agya Onyankopɔn ase.


Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.


Hwɛ, mabegyina ɔpon ano na mebom; sɛ obi betie me nne na wahiɛ ɔpon no a, mɛhyɛn mu maba ne nkyɛn, na me ne no abedidi, na ɔne me nso adidi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan