Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 2:16 - KYERƐW KRONKRON

16 na osee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa eyinom mfi ha, monnyɛ m’Agya fi aguadi fi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 na ɔsee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa yeinom mfiri ha, monnyɛ m’Agya fie adwadie fie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsesaw wɔn mfi ha nkɔ ntɛm! Munnyae sɛ mode mʼAgya fi ayɛ aguadibea no!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 na ɔsee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa yeinom mfiri ha, monnyɛ m’Agya fie adwadie fie!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsesa wɔn mfiri ha nkɔ ntɛm! Mommfa mʼAgya fie nyɛ adwadibea!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 na osee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa eyinom mfi ha, monnyɛ m’Agya fi aguadi fi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 2:16
17 Iomraidhean Croise  

So adwowtwafo tu na ofi a wɔde me din ato no yi ayɛ mo ani so anaa? Me nso, hwɛ, mahu, AWURADE asɛm ni.


Na Yesu kɔɔ asɔrefi, na ɔkɔpam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ fii asɔrefi hɔ, na ɔkaa sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua butuwii.


Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi, na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.


Na wɔn de, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe, obi kɔɔ n’afum, na obi nso kodii ne gua.


Na ɔkyerɛkyerɛe see wɔn sɛ: Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa? Na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.


Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fi?


M’agya a ɔde wɔn maa me no so sen nneɛma nyinaa; na obi rentumi nhuam wɔn m’agya nsam.


Na ɔde hama yɛɛ mpire pam wɔn nyinaa, nguan ne anantwi no fii asɔrefi hɔ, na ohwiee sikasesafo no sika gui, na ɔkaa apon no butubutuwii;


Yesu see no sɛ: Nka me, na minnya menkɔɔ ɔsoro m’Agya nkyɛn ɛ. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


Na obuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.


Yesu buae sɛ: Me de, minni honhommɔne; na midi m’Agya no ni, na mo de, mobɔ me ahohora.


mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwenem asɛe, na nokware abɔ wɔn a wosusuw sɛ onyamesom pa yɛ adepɛde.


Na wɔnam anibere so de asisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso. Wɔn na efi tete wɔn atemmu ntwentwɛn ase, na wɔn sɛe ntɔ nko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan