Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 2:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛɛ wɔ bagua mu de kyerɛɛ sɛ ne tumi fi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafo no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Saa nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɔyɛɛ wɔ badwam de kyerɛɛ sɛ ne tumi firi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafoɔ no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 2:11
43 Iomraidhean Croise  

Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahu sɛ Onyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE asɛm a ɛwɔ w'anom no yɛ nokware.


na nhyira ne n’anuonyam din daa, na n’anuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen.


Monka n’anuonyam, amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu.


Na Israel huu nsa kɛse a AWURADE de kyerɛɛ Misraim so no, na ɔman no suroo AWURADE, na wogyee AWURADE ne n'akoa Mose dii.


Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnne abien yi nso anni na wɔantie wo nne a, ɛnne kɔsaw asubɔnten no mu nsu kohwie gu asase kesee so, na nsu a wosawee, asu no mu no bɛdan mogya wɔ asase kesee no so.


Kɔ na fa anigye kodi w’aduan, na fa koma pa nom wo nsa, na Onyankopɔn ani asɔ wo nneyɛe dedaw.


Na AWURADE anuonyam beyi ne ho adi, na ɔhonam nyinaa abom ahu, efisɛ AWURADE ano na aka.


Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo koma mu sɛ mode anuonyam bɛma me din a, asafo Awurade na ose, ɛnne mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; dedaw, efisɛ momfa m’asɛm nsie mo koma mu.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.


Ade kyee no, Yesu pɛe sɛ ofi hɔ kɔ Galilea; na ohuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi!


Yesu bua see no sɛ: Esiane sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ mihuu wo borɔdɔma no ase nti na ɛma wugye di yi? Wubehu nneɛma akɛse a ɛsen eyinom.


Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne bi de, nanso nneɛma a Yohane kae wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokware.


na mo nti ɛyɛ me dɛ sɛ minni hɔ, na moagye adi. Nanso momma yɛnkɔ ne nkyɛn!


Ɛnna asɔfo mpanyin ne Farisifo no ma wokohyiaa baguafo no, na wɔkae sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii.


Eyi nti nso na nkurɔfokuw no kohyiaa no, efisɛ wɔate sɛ wayɛ saa sɛnkyerɛnne no.


Na wayɛ saa nsɛnkyerɛnne bebree wɔ wɔn anim de, nanso wɔannye no anni,


Yesaia kaa eyinom, efisɛ ohuu n’anuonyam, na ne ho asɛm na ɔkae.


Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya anuonyam ɔba no mu.


na Agya no ankasa dɔ mo, efisɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mifi Nyankopɔn nkyɛn na mebae.


Afei yɛahu sɛ wunim nneɛma nyinaa, na enhia wo sɛ obi bisa wo; eyi mu na yegye di sɛ wufii Nyankopɔn nkyɛn na ɛbae.


Na da a ɛto so abiɛsa no, wohyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na Yesu ne na wɔ hɔ.


Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no ase no, afahyɛ no ase nnipa bebree huu ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, na wogyee ne din dii.


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na obesee no sɛ: Rabi, yenim sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Ofii Yudea, na osiim kɔɔ Galilea bio.


Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdan nsu nsa no bio. Na ahenkwaa panyin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.


Eyi nso ne sɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fi Yudea baa Galilea no, ɔyɛe.


sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.


Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!


Na nkurɔfokuw kɛse dii n’akyi, efisɛ wohuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe wɔn a wɔyare ho no.


Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ muhuu nsɛnkyerɛnne nti na mohwehwɛ me, na sɛ mudii abodoo no bi na momee ntia.


Ɛnna wosee no sɛ: Ɛnne sɛnkyerɛnne bɛn na woreyɛ, na yɛahu na yɛagye wo adi? Dɛn na woreyɛ?


Na nkurɔfokuw no mu pii gyee no dii, na wɔkae sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, so ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne bebree asen eyinom a oyi ayɛ yi?


Ɛnna Farisifo no mu bi kae sɛ: Onipa yi mfi Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ onni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa ɔdebɔneyɛfo betumi ayɛ nsɛnkyerɛnne a ɛte sɛɛ yi? Na mpaepaemu baa wɔn mu.


Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade anuonyam no, sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakra yɛn kɔ suban koro no ara mu fi anuonyam mu kɔ anuonyam mu, na eyi fi Awurade honhom no ara.


Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ama yɛn


Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.


bɛkae sɛ: Hwɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛahu n’anuonyam ne ne kɛseyɛ, na yɛate ne nne afi ogya no mu, ɛnnɛ da yi na yɛahu sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa nanso onya nkwa.


Eyinom na makyerɛw mabrɛ mo a mugye Onyankopɔn ba no din di, na moahu sɛ mowɔ daa nkwa, na moagye Onyankopɔn ba no din adi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan