Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 2:10 - KYERƐW KRONKRON

10 na osee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea enye ba; na wo de, wode nsa pa no asie abedu sesɛɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 na ɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ wɔboboro a, ɛno ansa na wɔde deɛ ɛnyɛ ba; na wo deɛ, wode nsa pa no asie abɛduru sɛsɛɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 ka kyerɛɛ no se, “Saa nsa yi yɛ nsa pa. Wonte sɛ afoforo a wɔaka no. Obiara a ɔto pon de nsa pa di kan ba wɔ nʼaponto ase, na akyiri no ɔde nsa a enni mu aba. Nanso wo de, wode nsa pa no atwa to!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 na ɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ wɔboboro a, ɛno ansa na wɔde deɛ ɛnyɛ ba; na wo deɛ, wode nsa pa no asie abɛduru sɛsɛɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 ka kyerɛɛ no sɛ, “Saa nsã yi yɛ nsã pa. Wonte sɛ afoforɔ a wɔaka no. Obiara a ɔto ɛpono de nsã pa di ɛkan ba wɔ nʼapontoɔ ase, na akyire yi, ɔde nsã a ɛnni mu aba. Nanso, wo deɛ, wode nsã pa no atwa toɔ!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 na osee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea enye ba; na wo de, wode nsa pa no asie abedu sesɛɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 2:10
15 Iomraidhean Croise  

Na wogyigyee aduan no fii n'anim brɛɛ wɔn, na Benyamin de boroo wɔn nyinaa de so mpɛn anum. Na wɔnonnomee, na wɔne no ani gyei.


Na nsa ama ɔdesani koma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim hyɛɛhyɛɛ, na aduan awowaw ɔdesani koma.


Maba me turo mu, me nua, ayeforo, meretetew me kurobow ne m’aduhuam, meredi me wokyɛm ne me wo, merenom me nsa ne me nufusu. Nnamfonom, munnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


na ofi ase boro ne nwurakwaa, na ɔne asabofo didi, nom a,


Na sɛ akoa no se ne komam sɛ: Me wura akyɛ ne ba, na ofi ase boro asomfo ne mmaawa no, na odidi na ɔnom bow a,


Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote ase no, wunyaa ahotɔ na Lasaro de, ohuu amane; na afei ne werɛ akyekye, na wo nso, worehu amane.


Na eyinom mmow nsa, sɛnea mususuw yi, efisɛ ɛyɛ anɔpa nnɔnkron.


efisɛ obiara di n’ankasa aduan ansa, na ɔkɔm de binom, na ebinom nso abobow.


Na mommmow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.


Efisɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔbow bow anadwo,


Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsa no abobow wɔn a wɔtete asase so no.


Na mihui sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no, na mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa kɛse.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan