Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na da a ɛto so abiɛsa no, wohyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na Yesu ne na wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔhyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea; na Yesu ne na wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ne nnansa so na nnipa bi hyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no. Na Yesu ne na wɔ hɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔhyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea; na Yesu ne na wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ne nnansa so, nnipa bi hyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so. Yesu maame kɔɔ saa ayeforɔhyia no bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na da a ɛto so abiɛsa no, wohyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na Yesu ne na wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 2:1
17 Iomraidhean Croise  

Nea wanya ɔyere no anya adepa, na wanya AWURADE hɔ anisɔ.


Ofi ne ahode yɛ agyanom awunnyade, na ɔyere nimdefo fi AWURADE.


Na ogu so kasa kyerɛ nkurɔfo akuwakuw no, hwɛ, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛe sɛ wɔne no kasa.


Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.


Ade kyee bio no, na Yohane ne n’asuafo mu baanu gyina hɔ.


Ade kyee no, Yesu pɛe sɛ ofi hɔ kɔ Galilea; na ohuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi!


Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.


Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafo no mu baanu nso wɔ hɔ.


Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdan nsu nsa no bio. Na ahenkwaa panyin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.


Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.


ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana de kosi Sidon Kɛse.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan