Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 19:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Pilato fii adi bae bio, na osee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahu sɛ minhu no mu afobusɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna Pilato firii adi baa bio, na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne mu afobusɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, “Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna Pilato firii adi baa bio, na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahunu sɛ menhunu ne mu afobusɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Pilato firii adi kɔka kyerɛɛ ɛdɔm no bio sɛ, “Mɛsane de no abrɛ mo ama moahunu sɛ menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Pilato fii adi bae bio, na osee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahu sɛ minhu no mu afobusɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 19:4
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔte atemmu agua so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa trenee no ntam; na ne nti mahu amane pii ɔdae mu nnɛ.


Na Pilato hui sɛ ontumi nyɛ ho hwee, na mmom sakasaka reba no, ɔfaa nsu hohoroo ne nsa nkurɔfokuw no anim kae sɛ: Medi bem wɔ onipa trenee yi mogya ho; mo ara monhwɛ!


Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama. Na wose: Ɛfa yɛn ho dɛn? Wo ara w'asɛm a!


Na asraafo ha so panyin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no huu asasewosow ne nneɛma a esisii no, wosuroe pii kae sɛ: Ampa ara Onyame ba ni!


Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Minhu afobusɛm biara onipa yi mu.


Na yɛn de de, ɛteɛ pɛpɛɛpɛ, na yɛanya nea ɛsɛ yɛn nneyɛe no; na oyi de, ɔnyɛɛ mfomso ade biara.


Na asraafo ha so panyin no huu nea aba no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa trenee.


Ɛnna Pilato hyɛn amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa?


Pilato see no sɛ: Dɛn ne nokware? Na ɔkaa eyi no, ofii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn bio na osee wɔn sɛ: Me de, minhu ne mu afobusɛm biara.


Ɛnna asɔfo mpanyin ne asomfo no huu no no, wɔteɛteɛɛm sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu! Pilato see wɔn sɛ: Mo ankasa momfa no nkɔbɔ no asɛnnua mu! Na me de, minhu no mu afobusɛm biara.


Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.


Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro.


na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm ne nkekae no mogya a ne bo yɛ den no na egyee mo.


Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom.


Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu.


Na munim sɛ ɔno de, oyii ne ho adi sɛ ɔrebɛsoa bɔne, na bɔne nni ne mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan