Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 18:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Yesu a onim nea ɛreba no so nyinaa no fii adi, na osee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hena?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna Yesu a ɔnim deɛ ɛreba ne so nyinaa no firii adie, na ɔsee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hwan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu a na onim nea ɛbɛba ne so nyinaa no kohyiaa wɔn bisaa wɔn se, “Hena na mohwehwɛ no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna Yesu a ɔnim deɛ ɛreba ne so nyinaa no firii adie, na ɔsee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hwan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu a na ɔnim deɛ ɛbɛba ne so nyinaa no kɔhyiaa wɔn bisaa wɔn sɛ. “Hwan na mohwehwɛ no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna Yesu a onim nea ɛreba no so nyinaa no fii adi, na osee wɔn sɛ: Morehwehwɛ hena?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 18:4
27 Iomraidhean Croise  

Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman ne ahenni biara nni hɔ a me wura nsoma nkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ wo ɛ. Na sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onni hɔ, a, ɔma ahenni no ne ɔman no ka ntam sɛ wonhuu wo ɛ.


Na mise: So ɔbarima a ɔte sɛ me beguan? Na hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.


Sɛ dɔm bɔ me ho nsra a, me koma rentu; sɛ wotu me so sa a, ɛno mu po na me ho tɔ me.


Minsuro nkurɔfo mpempem a wɔabɔ me so nsraban ahyia yi.


Abɔnefo guan bere a obi ntaa wɔn, na treneefo de, wɔyɛ nnam sɛ gyataforo.


Na efi saa bere no na Yesu Kristo fii ase kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii mpanyimfo ne asɔfo mpanyimfo ne Kyerɛwfo no nsam, na wɔakum no, na da ɛto so abiɛsa no wanyan.


Munim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wobeyi Onipa Ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu.


Na wɔredidi no, ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo mu biako rebeyi me ama.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua anadwo yi. Na wɔakyerɛw sɛ: Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na ekuw no mu nguan no abɔ apete.


Na osee wɔn sɛ: Eyi ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ etwa sɛ nea wɔakyerɛw Mose mmara ne Adiyifo ne Nnwom mu wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Na Twam afahyɛ no rebedu no, Yesu nim sɛ ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wiase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.


Na onim nea obeyi no ama; eyi nti na ɔkae sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi, no.


Wobuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Mini! Nso Yuda a oyii no mae no nso ne wɔn na egyina hɔ.


Ɛnna obisaa wɔn bio sɛ: Morehwehwɛ hena? Na wose: Yesu, Nasareni no.


Eyi akyi a Yesu hui sɛ wɔanya awie nneɛma nyinaa no, (sɛnea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu nti), ɔkae sɛ: Osukɔm de me.


Na mo mu binom wɔ hɔ a wonnye nni. Na Yesu nim wɔn a wonnye nni no fi mfiase ne nea obeyi no ama no.


Wokyerɛɛ me nkwa akwan; wode w’anim bɛma abotɔyam amee me.


Na afei, sɛ Kristo ahu amane ɔhonam mu yi, mo nso momfa adwenkoro no ara mmia mo ho, (efisɛ nea wahu ɔhonam mu amane no agyae bɔneyɛ),


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan