Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 18:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Yesu kaa eyinom no, ɔne n’asuafo no fii adi kotwaa Asu Kidron, nea turo bi wɔ, na ɔne n’asuafo no kɔɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Yesu kaa yeinom no, ɔne n’asuafoɔ no firii adi kɔtwaa Asuo Kidron faako a turo bi wɔ, na ɔne n’asuafoɔ no kɔɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu bɔɔ saa mpae yi wiei no, ɔne nʼasuafo no fii faako a wɔwɔ no kotwaa asu Kidron kɔɔ turo bi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Yesu kaa yeinom no, ɔne n’asuafoɔ no firii adi kɔtwaa Asuo Kidron faako a turo bi wɔ, na ɔne n’asuafoɔ no kɔɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu bɔɔ saa mpaeɛ yi wieeɛ no, ɔne nʼasuafoɔ no firii baabi a wɔwɔ no kɔtwaa asuo Kidron kɔɔ turo bi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Yesu kaa eyinom no, ɔne n’asuafo no fii adi kotwaa Asu Kidron, nea turo bi wɔ, na ɔne n’asuafo no kɔɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 18:1
25 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn de onipa no kɔtenaa Eden turom sɛ ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ.


AWURADE Nyankopɔn tuu no fii Eden turom hɔ sɛ ɔnkɔdɔw asase a wɔfaa no fii mu no.


Na asase no sofo nyinaa de nne kɛse sui na ɔman no nyinaa twaam kɔe na ɔhene twaa asu Kidron na ɔman no nyinaa twae kɔfaa sare so kwan fam.


Na ne na Maaka nso, otuu no fii ɔhemmeadi so, efisɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no kɔhyewee Kidron subon mu.


Na da a wubefi adi akotwa Kidron subon no, hu sɛ owu na wubewu, na wo mogya bebua w’atifi.


Na afɔremuka a ɛwɔ Ahas abansorodan atifi a Yuda ahene sisii, ne afɔremuka a Manase sisii AWURADE fi abangua abien no so no, ɔhene dwiriwii, na oyi fii hɔ, na ɔde ne mfutuma koguu Kidron subon mu.


Na ɔhene hyɛɛ ɔsɔfo panyin Hilkia ne asɔfo a wodi so no ne aponanohwɛfo no sɛ wonyi nneɛma a wɔayɛ ama Baal ne Asera ne ɔsoro asafo nyinaa no nyinaa mfi AWURADE aban no mu; na ɔde fii Yerusalem kɔhyewee, Kidron ho mfuwa mu, na ɔde ɛho nso no kɔɔ Betel.


Na oyii Asera no fi AWURADE fi de fii Yerusalem kɔɔ Kidron subon ho, na ɔhyewee Kidron subon mu, na ɔyam no sɛ mfutuma, na ɔde ne mfutuma no guu nkurɔfo mma damoa so.


Na Maaka a ɔyɛ ɔhene Asa ne na nso, otuu no fii ɔhemmeadi so, efisɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no, bubuu no dukuduku kɔhyewee Kidron subon mu.


Na asɔfo no hyɛn AWURADE fi no mu sɛ wɔrekɔpopa mu, na woyiyii fi a wohui AWURADE asɔredan no mu no nyinaa de baa AWURADE fi abangua no so, na Lewifo no sesaw fii hɔ, na wɔkɔtow guu Kidron subon no mu.


Na wɔsɔre yiyii afɔremuka a ɛwowɔ Yerusalem no, na aduhuamhyew ade no nyinaa nso woyi kɔtow guu Kidron subon mu.


Ɛnna anadwo no meforoo osubon no mekɔhwɛɛ ɔfasu no, na mesan mefaa obon pon no mu mebae bio.


na afunu ne nso bon no nyinaa ne nsaasewa nyinaa a ekodu asu Kidron ho kosi apɔnkɔ ponkɛse twea so, apuei no, bɛyɛ kronkron ama AWURADE. Wɔrentutu na wɔrennwiriw da biara da bio.


bubu mu asinasin, na hwie ngo gu so; aduan afɔre ne no.


Na wɔtoo ayeyi dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw so.


Ɛnna Yesu ne wɔn duu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: Montena ase ha, na menkɔ noho nkɔbɔ mpae ansa.


Na wɔtoo dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so.


Na woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na osee n’asuafo no sɛ: Montena ha, na menkɔbɔ mpae ansa.


Monsɔre mma yɛnkɔ, hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn!


Nanso meyɛ sɛnea Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yemfi ha nkɔ!


Ɔsɔfo panyin no nkoa no mu biako a ɔyɛ nea Petro twaa n’aso no busuani kae sɛ: Manhu wo ne no turom hɔ?


na ɔbaa yɛn nkyɛn no, ɔfaa Paulo abɔso de kyekyee ne nan ne ne nsa kae sɛ: Sɛnea Honhom Kronkron se ni: Ɔbarima a abɔso yi yɛ ne dea no, Yudafo a wɔwɔ Yerusalem bɛkyekye no saa ara, na wɔayi no ahyɛ amanaman nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan