Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 17:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Me deɛ, mahyɛ wo animuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mawie adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ nam so ada wʼanuonyam adi akyerɛ wɔ asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Me deɛ, mahyɛ wo animuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Medaa wʼanimuonyam adi kyerɛeɛ wɔ asase so na mewiee adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 17:4
13 Iomraidhean Croise  

Na mise mo sɛ, eyi a wɔakyerɛw nso, etwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofo mu. Na nea ɛfa me ho no wɔ awiei.


Agya, hyɛ wo din anuonyam! Ɛnna ɛnne bi fi soro bae sɛ: Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!


Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya anuonyam ɔba no mu.


Nanso meyɛ sɛnea Agya no hyɛɛ me no, na wiase ahu sɛ medɔ Agya no. Monsɔre mma yemfi ha nkɔ!


Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.


Eyi akyi a Yesu hui sɛ wɔanya awie nneɛma nyinaa no, (sɛnea ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu nti), ɔkae sɛ: Osukɔm de me.


Ɛnna Yesu gyee nsa nyinyanyinya no no, ɔkae sɛ: Wɔawie! Na ɔbɔɔ ne ti ase de ne honhom mae.


Yesu see wɔn sɛ: M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.


Na me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ Agya no na asoma me.


Yesu buae sɛ: Ɛnyɛ oyi anaa n’agya ne ne na na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Onyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ no mu.


Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne ɔsom a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no.


Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan