Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 17:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɔkwan a wɔnam so benya nkwa a enni awiei ne sɛ, wobehu Onyankopɔn koro nokwafo no ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɛkwan a wɔnam so bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ ne sɛ, wɔbɛhunu Onyankopɔn korɔ nokwafoɔ no, ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 17:3
52 Iomraidhean Croise  

Na wo, me ba Solomon, hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mu ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE pɛepɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.


Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wonni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔkyerɛkyerɛ, na wonni mmara.


Na wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so, efisɛ woannyaw wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.


Na nea ohu me no hu nkwa, na onya AWURADE hɔ anisɔ;


Muntwiw mmɛn me, muntie eyi. Ɛnyɛ ahintawee mu na mifi mfiase mekasae; efi bere a ɛbae no na mewɔ hɔ, na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom.


Obehu ne kra brɛ no so ade amee. Ne hu mu na m’akoa treneeni no benya trenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumɔyɛ nso asoa.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo;


Na AWURADE ne nokware Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefo ne daa hene; n’abufuw nti asase wosow, na amanaman ntumi n’abufuhyew.


Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.


Obiara a obegye saa mmofra yi mu biako me din mu no begye me; na obiara a obegye me no, ɛnyɛ me na ogye me, na nea ɔsomaa me no.


na osee wɔn sɛ: Obiara a obegye abofra yi me din mu no, wagye me; na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no. Na nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse.


adɛn nti na moka nea Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, sɛ mekae sɛ: Onyankopɔn Ba ne me nti?


Na me de, minim sɛ wutie me daa; na nkurɔfokuw a wogyina ho no nti na meka saa, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


na okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.


Sɛnea wosomaa me wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn wiase.


sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.


Mewɔ wɔn mu na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ biakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.


Agya trenee, wiase anhu wo, na me de, mahu wo, na eyinom ahu sɛ wo na wosomaa me;


efisɛ nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahu ampa sɛ mifi wo nkyɛn na mebae, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.


Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.


Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma.


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mugye anuonyam mo ho mo ho nkyɛn betumi agye adi, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn anuonyam de, monhwehwɛ?


Sɛnea Agya a ɔte ase no somaa me na Agya no nti mete ase no, saa ara nso na nea odi me honam no nso, me nti ɔbɛtena ase.


Na me de, minim no; efisɛ mifi ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me.


Ɛnna wosee no sɛ: Ɛhe na w’Agya wɔ? Yesu buae sɛ: Munnim me, na munnim m’Agya nso; sɛ munim me a, anka munim m'Agya no nso.


Momma mo ani nna hɔ, tenenee mu, na monnyɛ bɔne, efisɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ. Meka eyi mehyɛ mo aniwu.


Na abosom afɔrebɔde di ho de, yɛn de yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee wiase, efisɛ onyame biara nni hɔ sɛ obiako no ara.


Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.


Na anka mahu no yiye, ne ne wusɔre tumi no, na manya kyɛfa wɔ n’amanehunu no mu, na wɔama masɛ ne wu no,


Nanso ampa ara meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro so no nti. Ne nti na mebuu nneɛma nyinaa adehwerede, na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso,


Na nnipa a wɔwɔ mantam hɔ no ara ka gye a mugyee yɛn too mu, ne sɛnea moadan afi ahoni ho aba Onyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefo nokwafo,


na watɔ wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.


Ɛno nti, anuanom akronkronfo a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yegyina so ka no ho Ɔsomafo ne Ɔsɔfo Panyin Yesu


Adom ne asomdwoe nnɔɔso mma mo, Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nimdeɛ mu.


Sɛnea ne Nyankopɔn fam ahoɔden de nneɛma a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho nyinaa akyɛ yɛn, nea ɔnam anuonyam ne mmaninyɛ so afrɛ yɛn no ho nimdeɛ mu.


Na sɛ eyinom wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafo ne wɔn a wɔnsow aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.


na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahu, na yedi ho adanse, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na eyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,


nea yɛahu na yɛate na yɛka kyerɛ mo, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne ba Yesu Kristo na ɛwɔ.


Obiara a ɔpo ɔba no, onni Agya no nso, na nea ɔpaem bɔ Ɔba no din no wɔ Agya no nso.


Yɛn de, yefi Nyankopɔn mu. Nea onim Nyankopɔn no tie yɛn, na nea omfi Nyankopɔn mu no ntie yɛn. Eyi mu na yehu nokware honhom ne nnaadaa honhom.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan