Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔno de, sɛ ɔba a, obeyi wiase ntɛn bɔne ne trenee ne atemmu ho!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔbɛyi wiase atɛn bɔne ne tenenee ne atemmuo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na sɛ ɔba a, ɔbɛma wiasefo ahu wɔn bɔne ne nea ɛyɛ trenee ne Onyankopɔn atemmu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔbɛyi wiase atɛn bɔne ne tenenee ne atemmuo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso, sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na sɛ ɔba a, ɔbɛma ewiasefoɔ ahunu wɔn bɔne ne deɛ ɛyɛ tenenee ne Onyankopɔn atemmuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔno de, sɛ ɔba a, obeyi wiase ntɛn bɔne ne trenee ne atemmu ho!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:8
10 Iomraidhean Croise  

Na sɛ kwata no apue afi were mu akata ɔyarefo no honam nyinaa fi n'atifi kosi ne nan ase, baabiara a ɔsɔfo no aniwa bɛhwɛ,


Na mehwie ɔdom ne nkotɔsrɛ honhom magu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔahwɛ nea wɔahwirew me mu no, na wɔatue no so su sɛ ɔba koro so su, na wɔabɔ no so abubuw a ɛyɛ yaw ara sɛ abakan so de.


Na meka mo nokware, eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.


Bɔne ho, efisɛ wonnye me nni;


Mo mu hena na obu me bɔne bi ho atɛn? Na sɛ meka nokware a, adɛn nti na munnye nni?


Na wɔn de, wɔtee na wɔn ahonim yii wɔn ntɛn no, wofii adi mmiako mmiako fi mpanyimfo so besii wɔn a wodi akyiri so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbea a ogyina mfinimfini no.


Na wɔtee no, ɛwowɔɔ wɔn komam, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafo a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn?


Na sɛ wɔn nyinaa hyɛ nkɔm, na obi a onnye nni anaasɛ onnim biribi ba mu a, wɔn nyinaa twiw n'anim, wɔn nyinaa bu no atɛn,


abebu wɔn nyinaa atɛn, na wayi wɔn mu amumɔyɛfo nyinaa ntɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe nyinaa ne wɔn atirimmɔdensɛm ne nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo no kae de tiaa no nyinaa ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan