Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na meka mo nokware, eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na meka mo nokorɛ; ɛyɛ ma mo sɛ mekorɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafoɔ no remma mo nkyɛn, na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso meka nokware kyerɛ mo; eye ma mo sɛ mɛkɔ, efisɛ sɛ mankɔ a ɔboafo no remma mo nkyɛn, nanso sɛ mekɔ a mɛsoma no aba mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na meka mo nokorɛ; ɛyɛ ma mo sɛ mekorɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafoɔ no remma mo nkyɛn, na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nanso, meka nokorɛ kyerɛ mo; ɛyɛ ma mo sɛ mɛkɔ, ɛfiri sɛ, sɛ mankɔ a, ɔboafoɔ no remma mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na meka mo nokware, eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:7
19 Iomraidhean Croise  

Woaforo kɔ ɔsoro, woafa nnommum nnommum, woagye nnipa mu ayɛyɛde, mansotwefo mu mpo, na AWURADE Onyankopɔn atena hɔ.


Na hwɛ, meresoma m’agya bɔhyɛ no maba mo so; enti montena kurow no mu nkosi sɛ wɔbɛma mo ahoɔden afi soro.


Na meka no nokwarem, Elia bere so a ɔsoro mu toe mfirihyia abiɛsa ne asram asia na ɔkɔm kɛse baa asase no nyinaa so no, akunafo pii wɔ Israel de,


Na nokware mise mo sɛ: Wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni ansa.


na okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.


Moate sɛ meka mekyerɛɛ mo sɛ: Merekɔ na maba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, anka mo ani begye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, efisɛ m’Agya no yɛ kɛse sen me.


Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.


Na Okyigyinafo a mɛsoma no mabrɛ mo afi Agya no nkyɛn, nokware Honhom a ofi Agya no nkyɛn reba no, sɛ onya ba a, ɔno na obedi me ho adanse;


Na ɔno de, sɛ ɔba a, obeyi wiase ntɛn bɔne ne trenee ne atemmu ho!


Na eyi de, ɔkae Honhom a wɔn a wogye no di rebenya no ho; na Honhom no nnya mmae, efisɛ wonnya nhyɛɛ Yesu anuonyam.


Na Petro buee n’ano kae sɛ: Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim,


Afei wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nifa, na onyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ no nti na wahwie nea muhu na mote yi agu.


Na yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ama yɛn


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan