Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔbɛyɛ eyinom, efisɛ wonhuu Agya no ne me ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔbɛyɛ yeinom, ɛfiri sɛ wɔnnya nhunuu Agya no ne me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, efisɛ wonnim Agya no na me nso wonnim me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔbɛyɛ yeinom, ɛfiri sɛ wɔnnya nhunuu Agya no ne me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, ɛfiri sɛ, wɔnnim Agya no na me nso wɔnnim me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔbɛyɛ eyinom, efisɛ wonhuu Agya no ne me ɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:3
17 Iomraidhean Croise  

M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim nea Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim nea Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.


Nea ɔtan me no tan m’Agya no nso.


Agya trenee, wiase anhu wo, na me de, mahu wo, na eyinom ahu sɛ wo na wosomaa me;


Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.


Ɛnna wosee no sɛ: Ɛhe na w’Agya wɔ? Yesu buae sɛ: Munnim me, na munnim m’Agya nso; sɛ munim me a, anka munim m'Agya no nso.


Nso moanhu no, na me de, minim no; na sɛ meka sɛ minnim no a, mɛyɛ ɔtorofo sɛ mo. Nanso minim no, na midi n’asɛm so.


Na afei, anuanom, minim sɛ onim a munnim nti na moyɛe, sɛ mo mpanyimfo ara.


Nea wiase yi atumfo mu biara anhu, na sɛ wohui a, anka wɔammɔ anuonyam Awurade no asɛnnuam,


na watɔ wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.


Ɛwom sɛ na anka kan no, meyɛ mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo, nanso wɔahu me mmɔbɔ, efisɛ minnim na meyɛe, ogye a mannye manni mu.


Obiara a ɔpo ɔba no, onni Agya no nso, na nea ɔpaem bɔ Ɔba no din no wɔ Agya no nso.


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no.


Nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn, na Onyankopɔn ne ɔdɔ.


Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan