Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 16:10 - KYERƐW KRONKRON

10 ne trenee ho, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na munhu me bio;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 ne tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na monhu me bio;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nea wɔka fa trenee ho no nyɛ nokware, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 ne tenenee ho, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na monhu me bio;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Deɛ wɔka fa tenenee ho no nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ Agya no nkyɛn na morenhunu me bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 ne trenee ho, efisɛ merekɔ Agya no nkyɛn, na munhu me bio;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 16:10
26 Iomraidhean Croise  

Efisɛ Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, na wɔma ɔtenaa ase honhom mu.


Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn.


Na mopaa Ɔkronkronni ne Ɔtreneeni no, na mosrɛe sɛ wɔmfa owudifo nkyɛ mo.


Na yɛn de, yɛnam honhom so, fi gyidi mu twɛn trenee anidaso.


Efisɛ emu na woyi Nyankopɔn trenee adi fi gyidi mu kɔ gyidi mu, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔteɛ fi gyidi mu no benya nkwa.


efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama no asɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no,


Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no; na yɛn nyinaa yɛ ɛho adansefo.


Obi wɔ hɔ a odi me ho adanse, na minim sɛ adanse a odi me ho no yɛ nokware.


Na sɛnea Mose maa ɔwɔ no so sare so no, saa ara na etwa sɛ wɔma Onipa Ba no so,


Wɔahyɛ mfe aduɔsɔn ahorow asɔn, wɔ wo man ne wo kurow kronkron no so, sɛ wonwie mmarato na wɔmma bɔne nwie odu, na wɔmpata amumɔyɛ na wɔmfa daa trenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronne mu ade kronkron.


AWURADE trenee nti na ɛsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛse na anya anuonyam.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn bere tiaa bi, na merebɛkɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn.


Na afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekɔ?


Mifii Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefi wiase na makɔ Agya no nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan