Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 15:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Montena me mu, na me nso mentena mo mu. Sɛnea baa ntumi mfi n’ankasa mu nsow aba gye sɛ ɛtena obobe no mu no, saa ara nso na muntumi, gye sɛ motena me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Montena me mu, na me nso mentena mo mu: Sɛdeɛ ban ntumi mfiri ɔno ara mu nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara nso na montumi, gye sɛ motena me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua mman biara ankasa rentumi nsow aba gye sɛ ɛfam ne dutan no ho. Saa ara nso na morentumi nsow aba gye sɛ mote me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Montena me mu, na me nso mentena mo mu: Sɛdeɛ ban ntumi mfiri ɔno ara mu nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara nso na montumi, gye sɛ motena me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua aban biara ankasa rentumi nso aba gye sɛ ɛfam ne dutan ho. Saa ara nso na morentumi nso aba gye sɛ mote me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Montena me mu, na me nso mentena mo mu. Sɛnea baa ntumi mfi n’ankasa mu nsow aba gye sɛ ɛtena obobe no mu no, saa ara nso na muntumi, gye sɛ motena me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 15:4
29 Iomraidhean Croise  

Ɛhena ne ɔbea yi a ɔforo fi sare so reba a otweri ne dɔfo yi? Minyan wo akutu no ase, ɛhɔ na wo na woo wo, ɛhɔ na wo wofo kyemee.


Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me de, megye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ ɔpopaw frɔmfrɔm, me so na wobehu w’aba.


Momma dua no nyɛ dua pa, na n’aba ayɛ aba pa; anaasɛ momma dua no nyɛ dua bɔne, na n’aba ayɛ aba bɔne; na dua aba na wɔde hu dua ko.


Na asase pa mu de no ne wɔn a wɔde koma pa a eye te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu sow aba.


Da no ara mubehu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu.


Mewɔ wɔn mu na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ biakoyɛ mu, na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.


Nea odi me honam na ɔnom me mogya no tena me mu, na me nso metena no mu.


Ɛnna Yesu see Yudafo a wɔagye no adi no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa;


Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.


hyehyɛɛ asuafo no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidi mu, kae nso sɛ etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.


Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa? Mummisa mo ho nhwɛ! Anaasɛ munnim mo ho sɛ Yesu Kristo te mo mu? Ɛnne na anka momfata.


na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu.


na ɔmma Kristo mfa gyidi so ntena mo komam, na moagye ɔdɔ mu ntini atim mu,


na trenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn anuonyam ne ayeyi.


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidi mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wontwe mo mfi asɛmpa no anidaso a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfo no.


Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n'ahotefo hu ahintasɛm yi anuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, anuonyam anidaso no.


Enti sɛnea mugyee Awurade Kristo Yesu no, monnantew no mu saa ara,


Eyi nti me nso, misom a enso bio no, mesomae, na mahu mo gyidi mu, na amma sɛ ebia ɔsɔhwɛfo no asɔ mo ahwɛ, na yɛn mmɔdemmɔ adwuma no ayɛ ɔkwa.


Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu no mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ nkwagye mu no mu.


Nea ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnantew sɛnea ɔno nso nantewee.


Obiara a ɔfom so na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ no mu no, onni Nyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan