Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 15:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Mene nokware bobe no, na m’Agya ne okuafo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Mene nokware bobe no, na mʼAgya ne okuafo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Mene nokorɛ bobe no, na mʼAgya ne okuafoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Mene nokware bobe no, na m’Agya ne okuafo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 15:1
28 Iomraidhean Croise  

Ma yentua ahema nkɔ bobe nturo mu nkɔhwɛ sɛ obobe afefɛw, na ne nhwiren apaepae, sɛ atea agu nhwiren anaa? Ɛhɔ na meyi me dɔ makyerɛ wo.


Ɛda no na AWURADE baa no bɛyɛ fɛfɛɛfɛ nyamnyam, na asase so aba bɛyɛ ahohoahoade ne ahyehyɛde ama Israel nkae a wɔanya nkwa no.


Na wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, wobedi asase no so akosi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam.


menhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo memma wɔnnɛnsow nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo minsi nkɔmmɔdi ananmu, memma wɔn ayeyi ntade minsi honhom a watɔ beraw ananmu, na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, AWURADE tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam.


Mmoahwɛfo pii asɛe me bobeturo atiatia me kyɛfa so, wɔadan me kyɛfa fɛfɛ no ayɛ no sare pradada;


Na me de, matɛw wo bobe pa ma wufi nea eye nko ara mu, na ɛyɛɛ dɛn na woadan me amannɔne bobe nhama yi?


Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe a wɔatɛw no nsuso, nsu pii nti, n’aba ne n’abaa bae yiye.


Israel yɛ obobe pa a ɛsow n’aba nso; dodow a n’aba dɔɔso no, dodow no ara na wama afɔremuka nso adɔɔso; n’asase yiye a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiye nso.


Tie ɛ, ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no, efisɛ wɔyɛ anwonwafo; na hwɛ, mede m’akoa “Baa” reba.


Na obuae sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro agya na oduae no, wobetu.


Na ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a ɔyɛ ofiwura a ofii adi anɔpatutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfo paa akɔ ne bobe turom.


Muntie bɛ foforo! Ofiwura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo abantenten, na ɔde hyɛɛ ahwɛsofo bi nsa, na ogyaw hɔ kɔɔ baabi.


Na ofii ase nam mmebu so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobeturo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyi-amoa, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafo bi, na ogyaw tuu bata.


Na obuu wɔn bɛ yi sɛ: Obi wɔ borɔdɔma a wadua wɔ ne bobe turom; na ɔbae bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi.


Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.


Nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no wɔ hɔ, na ɛno na ɛreba wiase yi.


Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na asow aba bebree.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo abodoo a efi soro no, na mmom m’Agya na ɔma mo nokware abodoo a efi soro no.


Na me honam yɛ aduan ampa, na me mogya yɛ anonne ampa.


Na sɛ nnubaa no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no ntini ne emu nsu no bi a,


Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛfo; a yɛne no bom yɛ adwuma, moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.


Nso merekyerɛw ahyɛde foforo mabrɛ mo a ɛyɛ nokware wɔ ɔno ne mo mu: Sɛ esum retwam, na nokware hann no anya rehyerɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan