Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 13:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Petro see no sɛ: Meremma wonhohoro me nan ho da! Yesu see no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wunni m’afa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Petro see no sɛ: Meremma wo nhohoro me nan ho da! Yesu buaa no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wonni m’afa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Petro ampene asɛm a ɔkae no so kae se, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro mʼanan ase.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ manhohoro wʼanan ase a na wonka me ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Petro see no sɛ: Meremma wo nhohoro me nan ho da! Yesu buaa no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wonni m’afa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Petro ampene asɛm a ɔkaeɛ no so kaa sɛ, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro me nan ase.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ manhohoro wo nan ase a, na wonka me ho.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Petro see no sɛ: Meremma wonhohoro me nan ho da! Yesu see no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wunni m’afa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 13:8
28 Iomraidhean Croise  

Na ose: Me ba ne mo renkɔ, efisɛ ne nua awu, na aka ne nko, na sɛ abew bi kɔbew no wɔ ɔkwan a morekɔ no mu a, ɛnne mode me dwen bɛkɔ asaman awerɛhow mu.


Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛn torobɛnto sɛ: Yenni kyɛfa bi Dawid mu, na yenni agyapade Yese ba no nkyɛn, O! Israel, obiara nkɔ ne fi.


Na Israel nyinaa hui sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ Dawid mu? Nanso yenni agyapade bi Yese ba no mu, monkokɔ mo afi mu, Israel, afei, Dawid, hwɛ w’ankasa wo fi. Ɛnna Israel siim kokɔɔ wɔn afi.


Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu.


Fa adwerɛ yi me ho bɔne, na me ho afi, guare me, na mayɛ fitaa asen nsukyerɛma.


da a Awurade de atemmu honhom ne ɔhyew honhom bɛhohoro Sion mmabea ho fi na wayi Yerusalem mogya so afi mu no.


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.


Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ofii ase kaa n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, eyi remma wo so da.


Na ɔba no buae sɛ: Merenkɔ! Na akyiri yi, ɔsesaa n'adwene na ɔkɔe.


Na Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua da.


Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ etwa sɛ me ne wo bewu po a, merempa wo. Saa ara na asuafo no nyinaa nso kae.


Ɛnna obeduu Simon Petro so; na ɔno de, osee no sɛ: Awurade, wo na worehohoro m’anan ho yi?


Simon Petro see no sɛ: Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ho ne me tirim nso bi.


Yesu buae sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu.


Na afei, adɛn na wotwentwɛn wo nan ase? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!


Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


sɛ ɔde nsu aguare no bɛtew ne ho wɔ asɛm no mu ayɛ no kronkron,


Na momma mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo ne mo mmammarima ne mo mmabea ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kurow apon mu, efisɛ ɔno de, onni mo mu kyɛfa anaa agyapade.


Mommma obi mfa aniso ahobrɛase ne abɔfosom mma nkonimdibo no mmɔ mo, sɛ okura nneɛma a wanhu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu.


Nea nneɛma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisosom ne ahobrɛase ne atirimmɔden a wɔyɛ no honam so de, na eyinom mfa mfaso mma na mmom ne nyinaa yɛ nea ɛhyɛ ɔhonam akɔnnɔ ma.


emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa.


momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefo nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo. Nea ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya aguare yɛn afi yɛn bɔne mu,


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan