Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 13:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na afei ohwiee nsu guu bokiti no mu, na ofii ase hohoroo asuafo no anan ho, na ɔde mpopaho a ɔde kyekyeree ne ho no popaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na afei ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho no pepaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ohwiee nsu guu guasɛn bi mu na ofii ase hohoroo asuafo no anan ase de mpepaho no pepae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na afei ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho no pepaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn bi mu na ɔhyɛɛ aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ase de mpepaho no pepaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na afei ohwiee nsu guu bokiti no mu, na ofii ase hohoroo asuafo no anan ho, na ɔde mpopaho a ɔde kyekyeree ne ho no popaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 13:5
30 Iomraidhean Croise  

Ma wɔnkɔsaw nsu kakra bi mmra ɛ, na monhohoro mo anan ase, na monhome dua yi ase.


Me wuranom, mesrɛ mo, momman mmra mo akoa fi mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo anan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wose: Dabi, na yɛbɛda abɔnten so.


Na ɔbarima no de nnipa no hyɛn Yosef fi, na ɔmaa wɔn nsu hohoroo wɔn anan ho, na ɔmaa wɔn mfurum aduan.


Na Yehosafat se: So AWURADE diyifo bi nni ha a yɛbɛkɔ ne nkyɛn akobisa AWURADE? Na Israel hene nkoa mu biako buae sɛ: Ɛha na Safat ba Elisa a ohwiee nsu guu Elia nsa so no wɔ.


Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu.


Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiae ntamadan no ano, na fa nsu guare wɔn.


Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ.


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


Na nea wɔatew ne ho no nhoro ne ntade na onyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsu nguare na ne ho atew; na ɛno akyi no, ɔmmra nsra no mu, nanso ɔntena ne ntamadan akyi nnansɔn.


Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.


na obegyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ofii ase de nusu no fɔw ne nan ho, na ɔde ne tinwin popaa ho, na ofew ne nan ho, na ɔde ngo huamhuam no sraa ho.


Na ɔdan n’ani kyerɛɛ ɔbea no see Simon sɛ: Woahu ɔbea yi? Mebaa wo fi, woamma me nsu angu me nan so, na ɔbea yi de, ɔde ne nusu afɔw me nan ho, na ɔde ne tinwin apopa ho.


Yesu see no sɛ: Nea waguare no, enhia no aguare, gye ne nan ho hohoro, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa.


Ɛnna obeduu Simon Petro so; na ɔno de, osee no sɛ: Awurade, wo na worehohoro m’anan ho yi?


Petro see no sɛ: Meremma wonhohoro me nan ho da! Yesu see no sɛ: Sɛ manhohoro wo ho a, wunni m’afa.


Na asraafo no mu biako de peaw wɔɔ ne mfem, na ntɛm ara na mogya ne nsu fii mu bae.


Na afei, adɛn na wotwentwɛn wo nan ase? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!


Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


sɛ ɔde nsu aguare no bɛtew ne ho wɔ asɛm no mu ayɛ no kronkron,


nea wodi no ne ne nnwuma pa ho adanse: Wayɛn mma, sɛ wayɛ hɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotewfo anan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho hia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.


momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua.


Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntam, na ne ba Yesu mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa mu.


Oyi ne nea ɔnam nsu ne mogya so bae, Yesu Kristo no, na ɛnyɛ nsu nko mu, na mmom ɛyɛ nsu ne mogya mu. Na honhom no na edi adanse, efisɛ honhom no ne nokware.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefo nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo. Nea ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya aguare yɛn afi yɛn bɔne mu,


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wunim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.


Na ɔde no kɔɔ ne fi, na ɔmaa mfurum no aduan, na wɔhohoroo wɔn anan ho, na wodidi nomee.


Na ɔsɔre bɔɔ ne ti ase kotowee, kae sɛ: Hwɛ, w’afenaa yɛ abaawa a ɔbɛhohoro me wura nkoa nan ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan