Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 13:3 - KYERƐW KRONKRON

3 na Yesu nim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ofii Nyankopɔn nkyɛn na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu nim sɛ nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ofi Onyankopɔn nkyɛn na ɔbae, na ɔresan akɔ ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Yesu nim sɛ Agya no de nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ɔfirii Nyankopɔn nkyɛn, na ɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Yesu nim sɛ nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn na ɔbaeɛ, na ɔresane akɔ ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na Yesu nim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa, ɛne sɛ ofii Nyankopɔn nkyɛn na ɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn nti,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 13:3
22 Iomraidhean Croise  

M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim ɔba no, gye agya no, na obiara nnim agya no, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


M’agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obi nnim nea Ɔba no yɛ, gye Agya no. Nanso obi nnim nea Agya no yɛ, gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.


Obi nhuu Nyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no koro no a ɔda Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Na Twam afahyɛ no rebedu no, Yesu nim sɛ ne dɔn adu sɛ ɔrebefi wiase akɔ agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.


sɛnea womaa no ɔhonam nyinaa so tumi, sɛ ade biara a wode ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Na obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.


Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa.


Na me de, minim no; efisɛ mifi ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mewɔ mo nkyɛn bere tiaa bi, na merebɛkɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn.


Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ midi m’ankasa me ho adanse mpo a, m’adanse no yɛ nokware, efisɛ minim faako a mifi ne faako a merekɔ; na mo de, munnim nea mifi ne nea merekɔ.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Nyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me de, mifii Nyankopɔn mu na mebae. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae, na ɔno na ɔsomaa me.


Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.


Na ɔde ade nyinaa agu ne nan ase. Na sɛ ɔka sɛ ɔde ade nyinaa agu ne nan ase a, emu da hɔ pefee sɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no nka ho.


nna a edi akyiri yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nneɛma nyinaa so ɔdedifo, a ɔnam no so nso abɔ wiase nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan