Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 13:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a na Yesu ne nʼasuafo te adidii no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ onyi Yesu mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛberɛ a na Yesu ne nʼasuafoɔ te adidiiɛ no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ ɔnyi Yesu mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 13:2
14 Iomraidhean Croise  

Nhyira nka AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde saa asɛm yi ahyɛ ɔhene koma mu, sɛ ɔnhyehyɛ AWURADE fi a ɛwɔ Yerusalem no ho,


Na mesɔree anadwo, me ne mmarima kakraa bi a wɔka me ho. Nso menkaa nea Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu sɛ menyɛ memma Yerusalem no menkyerɛɛ onipa bi ɛ, na aboa biara nso nka me ho sɛ aboa a mete no so no.


Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a oyii no mae no nso.


Na Satan kɔhyɛn Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dumien no mu biako no mu.


Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ onya mo, na ohuhu mo so sɛ aburow.


Na onim nea obeyi no ama; eyi nti na ɔkae sɛ: Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi, no.


ɔsɔre fii adidii, na oyii n’atade guu hɔ, na ɔfaa mpopaho de kyekyeree ne ho.


Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie?


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito koma mu.


Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.


Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no nkosi sɛ Onyankopɔn nsɛm no bewie du.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan