Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 12:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Maria faa ngo huamhuam kronkron a ne bo yɛ den karibo biako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho; na ngo no huam yɛɛ ɔdan no mu ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnna Maria faa ngo hwamhwam kronkron a ne boɔ yɛ den kariboɔ baako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho; na ngo no hwam yɛɛ ɛdan no mu ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔredidi no, Maria faa ngohuam bi a ne bo yɛ den behwie guu Yesu nan ase de ne tinwi pepae. Ngo no hua gyee fie hɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna Maria faa ngo hwamhwam kronkron a ne boɔ yɛ den kariboɔ baako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho; na ngo no hwam yɛɛ ɛdan no mu ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔredidi no, Maria faa ngohwam bi a ne boɔ yɛ den bɛhwie guu Yesu nan ase de ne tirinwi pepaeɛ. Ngo no hwa gyee efie hɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna Maria faa ngo huamhuam kronkron a ne bo yɛ den karibo biako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho; na ngo no huam yɛɛ ɔdan no mu ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 12:3
16 Iomraidhean Croise  

sɛnea ɔkaa AWURADE ntam na ɔhyɛɛ Yakob tumfo no bɔ sɛ:


Nea ose ɔresianka no no te sɛ nea osianka mframa, anaa ne nifa kita ngo.


Ɔhene wɔ n’adidipon ho no, na me sradehuam reyi ne hua.


Wo sradehuam yi hua pa, ngohuam a wɔahwie ne wo din, ɛno nti na mmabaa dɔ wo no.


Wo dɔ yɛ fɛ dɛn ara, me nua, ayeforo, wo dɔ yɛ dɛ sen nsa dɛn ara, na wo sradehuam hua sen nnuhuam nyinaa.


na ade biako na ehia: Maria de, wayi nea eye no, ɛno na wɔrennye ne nsam.


Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbea yi de, ɔde ngo huamhuam asra me nan ho.


Na ɛyɛ Maria a ɔde ngo huamhuam sraa Awurade na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho no, na ne nua Lasaro yare no.


Na ɔkaa saa no, osiim kɔfrɛɛ ne nua Maria kokoam sɛ: Kyerɛkyerɛfo no aba na ɔrefrɛ wo.


Ɛnna Maria duu faako a Yesu wɔ hɔ na ohuu no no, ɔkotow ne nan ase ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nuammarima anwu.


Na Nikodemo nso a kan ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo no bae, na ɔde kurobow ne pɛprɛ mfrafrae bɛyɛ sɛ nkaribo ɔha bae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan