Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 12:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Afei aka nnansia na Twam no adu no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a onyan no fii awufo mu no wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Afei, aka nnansia na Twam no aduru no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no wɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Aka nnansia na Twam Afahyɛ no adu no, Yesu kɔɔ Betania, kurow a na Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no te mu no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Afei, aka nnansia na Twam no aduru no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no wɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Aka nna nsia na Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu kɔɔ Betania, kuro a na Lasaro a Yesu nyanee no firi awufoɔ mu no te mu no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Afei aka nnansia na Twam no adu no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a onyan no fii awufo mu no wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 12:1
13 Iomraidhean Croise  

Na ogyaw wɔn fii kurow no mu kɔɔ Betania kɔtenaa hɔ.


Na ɔhyɛn Yerusalem kɔɔ asɔrefi. Na ɔhwɛɛ nneɛma nyinaa na ade reyɛ asa no, ɔne dumien no fi kɔɔ Betania.


Na ɔde wɔn fii adi koduu Betania; na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.


Na hwɛ, ɔbea debɔneyɛfo bi a ɔwɔ kurow no mu tee sɛ ɔte adidii Farisini no fi no, ɔde ngo huamhuam toa ma bae,


Na ɔyarefo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ofi Betania, Maria ne ne nuabea Marta kurow mu.


Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Lasaro, fi bra!


Na nea wawu no fii adi, ɔda no mu, ntama kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsan no, na momma ɔnkɔ!


Na Yudafo Twam no abɛn; na nnipa pii fii asase no so kɔɔ Yerusalem ansa na Twam no dui, sɛ wokodwira wɔn ho.


Ade kyee no, nkurɔfokuw pii a wɔbaa afahyɛ no ase tee sɛ Yesu reba Yerusalem no,


Na Helafo bi wɔ wɔn a wɔbae sɛ wɔbɛsɔre afahyɛ no ase no mu;


Ɛnna Yudafo no mu nkurɔfokuw pii tee sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbae, ɛnyɛ Yesu nko nti, na sɛ wobehu Lasaro a onyan no fii awufo mu no nso ntia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan