Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔma n’ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔma ɔno ara ne nnwan firi adi a, ɔdi wɔn anim; na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di nʼakyi, efisɛ wɔte ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔma ɔno ara ne nnwan firi adi a, ɔdi wɔn anim; na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ ɔde wɔn firi adi a, ɔdi nnwan no anim na nnwan no nso di nʼakyi, ɛfiri sɛ, wɔte ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔma n’ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:4
23 Iomraidhean Croise  

Me dɔfo nne ni! Hwɛ, ɔreba ni! Ohuruw tratra mmepɔw, ɔbɔ nkoko so pentenkwaw.


Me de, mereda no, na me koma nyanee. Me dɔfo nne ni, ɔpem se: Hiɛ me, me nua, m’adamfowaa, m’aborɔnoma a wudi mu; na obosu ayɛ m’atifi ma, anadwo nsosɔe ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma.


Ɛnna Yesu see n’asuafo no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na onni m’akyi.


Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.


Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi;


Ɔno na ɔponanohwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi.


Na ɔhɔho de, wɔrenni n’akyi, wobeguan no, efisɛ wonnim ananafo nne.


Wɔn a wodii me kan bae no nyinaa yɛ awifo ne adwowtwafo; na nguan no antie wɔn.


Sɛ obi som me a, ma onni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfo nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bedi no ni.


Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.


Nea ayeforo wɔ no no ne ayeforokunu; na ayeforokunu adamfo a ogyina hɔ na otie no de, ogye na n’ani gye, ayeforokunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigye yi awie pɛyɛ.


Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.


Enti munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo,


AWURADE mo Nyankopɔn a odi mo anim no, ɔno na ɔbɛko ama mo, sɛnea ɔyɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no ara,


nhwɛ gyidi mu adikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛnnua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua nifa.


nea odikanfo bi hyɛn hɔ maa yɛn no, ɔno ne Yesu a wayɛ Melkisedek kwan so daa sɔfo panyin.


Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo, gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.


Na afei, sɛ Kristo ahu amane ɔhonam mu yi, mo nso momfa adwenkoro no ara mmia mo ho, (efisɛ nea wahu ɔhonam mu amane no agyae bɔneyɛ),


ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan