Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɔno na ɔponanohwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn firi adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔpon no anohwɛfo no bue ɔpon no ma no, na sɛ ɔfrɛ nguan no nso a wɔte ne nne ma ɔde wɔn fi adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn firi adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛpono no anohwɛfoɔ no bue ɛpono no ma no, na sɛ ɔfrɛ nnwan no nso a, wɔte ne nne ma ɔde wɔn firi adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔno na ɔponanohwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:3
32 Iomraidhean Croise  

Israel guanhwɛfo, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nguankuw, wo a wote Kerubim so, pue haran.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Asɛm a woaka yi nso, mɛyɛ, efisɛ woanya m'anim adom, na mede wo din minim wo.


Ohu na hu sɛnea wo nguan ho te, na dwene wo mmoa akuwakuw no ho yiye.


Wo a wote nturo no mu no, wo mfɛfo retie wo nne; ma mintie ɛ!


Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.


Na megya anifuraefo ɔkwan a wonnim mu so, mɛma wɔanantew atempɔn a wonnim so so. Mɛma sum ayɛ hann, wɔn anim, na nea ɛyɛ abonkyiabonkyi no, mɛyɛ no tamaa. Ade yi na mɛyɛ mama wɔn, na merennyaw wɔn.


Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de, na me de nso nim me,


Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.


Na ɔma n’ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne.


Mene ɔpon no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na obefi adi, na obenya adidibea.


Wɔn a Agya no de ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na nea ɔba me nkyɛn no, mentow no menkyene da,


Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.


Na wɔn a oyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso; na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a obuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn anuonyam nso.


efisɛ wɔabue ɔpon kɛse a emu adwumayɛ bɛsow aba ama me, na wɔn a wɔasɔre atia dɔɔso.


Na mesrɛ wo nso, me yɔnko kɔnnuasuafo nokwafo, so saa mmea yi mu abia, efisɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klement nso ne me yɔnko adwumayɛfo a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nhoma mu no.


Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda afiase yi,


Nanso Onyankopɔn nnyinaso tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de; Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho.


Woyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seisei yɛbɔ no dawuru kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfo mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhu mu.


Yɛn de, yefi Nyankopɔn mu. Nea onim Nyankopɔn no tie yɛn, na nea omfi Nyankopɔn mu no ntie yɛn. Eyi mu na yehu nokware honhom ne nnaadaa honhom.


Na m’ani da so sɛ mehu wo ntɛm na yɛde ano ne ano akasa.


Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔakyerɛw ne din nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.


Hwɛ, mabegyina ɔpon ano na mebom; sɛ obi betie me nne na wahiɛ ɔpon no a, mɛhyɛn mu maba ne nkyɛn, na me ne no abedidi, na ɔne me nso adidi.


Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan