Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:2 - KYERƐW KRONKRON

2 na nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no, ne nguan no hwɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na deɛ ɔfa ɛpono ano kɔ mu no ne nnwan no hwɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Onipa a ɔfa ɔkwan ano kɔ mu no ne oguanhwɛfo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 na deɛ ɔfa ɛpono ano kɔ mu no ne nnwan no hwɛfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Onipa a ɔfa ɛkwan ano kɔ mu no ne odwanhwɛfoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no, ne nguan no hwɛfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:2
25 Iomraidhean Croise  

AWURADE ne me hwɛfo, hwee renhia me.


Israel guanhwɛfo, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nguankuw, wo a wote Kerubim so, pue haran.


Anyansafo nsɛm te sɛ anantwikafo mpeaw ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfo biako na ɔde mae.


Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.


Ɛnna ne man kaee Mose tete nna no sɛ: Ɛhe na nea oyii wɔn ne ne nguankuw ahwɛfo no fii po mu no wɔ? Ɛhe na nea ɔde ne kronkronyɛ honhom sii wɔn mu no wɔ?


Na mede oguanhwɛfo biako mesi wɔn so na wayɛn wɔn, m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛn wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfo;


Na oyi bɛyɛ asomdwoe. Sɛ Asaria ba yɛn asase so na otiatia yɛn aban afɛfɛ mu a, ɛnna yebesisi ahwɛfo baasɔn, ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.


Nguanhwɛfo adwotwa gyigye, na wɔn anuonyam asɛe; agyataforo mmobom gyigye, na Yordan ahohyehyɛde asɛe.


a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkum wɔn na wonni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka Awurade, na manya ade, na wɔn ahwɛfo nso nkyɛe wɔn so no.


Na mitwaa nguanhwɛfo no mu baasa kyenee ɔsram biako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahometew, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwini.


Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.


Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.


Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de, na me de nso nim me,


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mene nguan no pon no.


Mene ɔpon no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na obefi adi, na obenya adidibea.


Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.


Mma wo mu adom akyɛde a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanyimfo nsa a wɔde guu wo so de maa wo no nnna hɔ kwa.


Eyi nti na mede wo migyaw Krete, na woasiesie nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kurow biara kurow so mpanyimfo, sɛnea mehyɛɛ wo no:


Na asomdwoe Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya so ayi nguan no hwɛfo kɛse a ɔne yɛn Awurade Yesu afi awufo mu no,


Na anka mote sɛ nguan a wɔayera, na afei moasan aba mo kra Hwɛfo ne Wɛmfo nkyɛn.


Na oguanhwɛfo panyin no yi ne ho adi a, moanya anuonyam abotiri a ɛrensɛe da no.


Nsoromma ason a wuhui no me nifa so no ahintasɛm no, ne sika akaneadua ason no: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo, na akaneadua ason a wuhui no yɛ asafo ason no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan