Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa de ne nkwa to hɔ ma nnwan no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Mene oguanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to hɔ ma ne nguan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa de ne nkwa to hɔ ma nnwan no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa no ne obi a ɔtumi de ne nkwa to hɔ ma ne nnwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:11
25 Iomraidhean Croise  

Na Dawid huu ɔbɔfo a ɔresɛe ɔman no no, ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, me na mayɛ bɔne, na me na mafom, na nguan yi de, dɛn na wɔayɛ? Ma wo nsa mmra me ne m’agya fi so.


AWURADE ne me hwɛfo, hwee renhia me.


Israel guanhwɛfo, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nguankuw, wo a wote Kerubim so, pue haran.


Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nguan, yɛdannan fofaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumɔyɛ kɔhwee no so.


Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nguanhwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Munnue, Israel nguanhwɛfo a wɔyɛn wɔn ho no; so ɛnyɛ nguan na nguanhwɛfo yɛn wɔn?


Na mede oguanhwɛfo biako mesi wɔn so na wayɛn wɔn, m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛn wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfo;


Na m’akoa Dawid bedi wɔn so hene, na oguanhwɛfo koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanantew m’atemmude mu, na wɔahwɛ m’ahyɛde ayɛ,


Na obegyina hɔ ayɛn wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛso akosi asase awiei.


Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.


sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no.


na nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no, ne nguan no hwɛfo.


Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: Sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.


na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no.


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Na asomdwoe Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya so ayi nguan no hwɛfo kɛse a ɔne yɛn Awurade Yesu afi awufo mu no,


Na oguanhwɛfo panyin no yi ne ho adi a, moanya anuonyam abotiri a ɛrensɛe da no.


Eyi mu na yɛahu ɔdɔ no, sɛ ɔno de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma anuanom.


Na oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn hwɛfo, na ɔde wɔn akɔ nkwa asuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan