Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Owifo mma, gye sɛ ɔrebewia, na wakum, na wasɛe; na me de, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmoroso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Owifoɔ mma, gye sɛ ɔrebɛwia na wakum na wasɛe; me deɛ, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmorosoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba sɛ ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a edi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Owifoɔ mma, gye sɛ ɔrebɛwia na wakum na wasɛe; me deɛ, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmorosoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Owifoɔ ba a, ɔbɛwia anaasɛ ɔbɛdi awu anaasɛ ɔbɛsɛe adeɛ. Me deɛ, maba, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya nkwa a ɛho nni asɛm biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Owifo mma, gye sɛ ɔrebewia, na wakum, na wasɛe; na me de, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmoroso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:10
25 Iomraidhean Croise  

Na akraman no yɛ adifudepɛfo sɛ, wonnim ɔmee. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni nhumu, wɔn nyinaa adannan wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfaso, wɔn ankasa mfaso, obiako ne obiara.


Meresa Israel yare yi, na Efraim amumɔyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; wodi atoro, na owifo bubu ba mu, akwamukafo asafo nso fow mmorɔn so.


Monhwɛ, na moammu nkumaa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


(Na onipa ba no bae sɛ obegye nea ayera.)


sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no.


Na osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi, na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.


Munnue! Mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na ɔkyerɛkyerɛe see wɔn sɛ: Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa? Na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.


Na Onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu, na ɔforo fa baabi no, yɛ owifo ne odwowtwafo;


Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan no;


Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me de, mimmu no atɛn; na mamma sɛ merebebu wiase atɛn, na mebae sɛ merebegye wiase.


Ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa eyi, na mmom ɔyɛ owifo, na okura kotoku no, na owiawia nea wɔde gu mu ntia.


Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa no so nnye wiase.


na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa.


Na Onyankopɔn abodoo ne nea osian fi soro ba na ɔma wiase nkwa no.


Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na abodoo a mede bɛma wiase no ne me honam.


afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, ɛnna wuwia ade yi?


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo a me na midi wɔn mu kan.


Ɛno nti na Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’atirimsɛm a ɛnsakra kyerɛ bɔhyɛ no adedifo pefee no, ɔde ntam gyinaa mu,


Saa nti, obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.


Na saa na wɔbɛma mo kwan aboro so akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa ahenni no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan