Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 10:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu, na ɔforo fa baabi no, yɛ owifo ne odwowtwafo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Mereka nokware akyerɛ mo Farisifo no se, onipa biara a ɔmfa nguankuw kwan ano na ɔfa ɔkwan foforo so foro kɔ mu no yɛ owifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nnwammuo ɛkwan ano na ɔforo kɔ mu no yɛ owifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu, na ɔforo fa baabi no, yɛ owifo ne odwowtwafo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 10:1
28 Iomraidhean Croise  

Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn de, wɔka sɛ: Afoa ne ɔkɔm remma asase yi so, no ho ni: Afoa ne ɔkɔm ara na ɛbɛdwerɛw adiyifo no.


Mansoma adiyifo no, nso wonyaa asɛm kɔkae; mankasa mankyerɛ wɔn, nso wɔhyɛɛ nkɔm.


Hwɛ, me ne adiyifo a wɔsoso atoro adae no anya, AWURADE asɛm ni; wɔn de, wɔkeka adae no, na wɔde wɔn atosɛm ne wɔn adwenharesɛm daadaa me man no, nanso mensomaa wɔn ɛ, na menhyɛɛ wɔn ɛ, na wɔn ho renyɛ ɔman yi mfaso biara, AWURADE asɛm ni.


wɔyɛ kurow mu manyamanya; wotutu ɔfasu so mmirika. Wɔforo ba afi mu, wɔfa mfɛnsere mu ba sɛ awifo.


Na monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mene nguan no pon no.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.


Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuru? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Sɛnea nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ fa!


Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Yesu Kristo, na mmom wɔsom wɔn ankasa yafunu, na wɔde tɛkrɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wonnim bɔne no koma.


a ɛsɛ sɛ wotua wɔn ano; wɔn na aniwu mfaso nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ, de dan afi mu butuw.


Na obi mfa saa nidi no mma ne ho, gye sɛ nea Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no.


Saa nkwagye no na adiyifo a wɔhyɛɛ adom a ɛbɛba mo so no ho nkɔm de too hɔ no pepɛe na wɔpɛɛpɛɛ mu.


Na adiyifo atorofo nso wɔ ɔman no mu, sɛnea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ogyee wɔn no po, na wɔde ɔsɛe a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so.


Na wɔnam anibere so de asisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso. Wɔn na efi tete wɔn atemmu ntwentwɛn ase, na wɔn sɛe ntɔ nko.


Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa; efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan