Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Ɔno na ɔbaa adansedi sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, na nnipa nyinaa nam no so agye adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɔno na ɔbaa adansedie sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Obedii hann no ho adanse sɛnea ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɔno na ɔbaa adansedie sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔbɛdii hann no ho adanseɛ sɛdeɛ ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Ɔno na ɔbaa adansedi sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, na nnipa nyinaa nam no so agye adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:7
16 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma


(Yohane dii ne ho adanse, na ɔteɛɛm sɛ: Oyi ne nea mekae sɛ: Nea odi m’akyi reba no, wadi m'anim, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.)


Eyi ne Yohane adanse bere a Yudafo somaa asɔfo ne Lewifo fi Yerusalem sɛ wonkɔbisa no sɛ: Woyɛ hena no.


Na ohuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkae sɛ: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa no ni.


Nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no wɔ hɔ, na ɛno na ɛreba wiase yi.


Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakra asu mmom ka kyerɛɛ ɔman no sɛ wonnye nea odi n’akyi reba a ɔne Yesu no nni.


Na mmom, mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu,


na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no,


a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu no ani.


Na Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho adi.


Awurade nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan