Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:42 - KYERƐW KRONKRON

42 Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu huu no no, ɔkae sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛase ne Petro.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

42 Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu hunuu no no, ɔkaa sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛaseɛ ne Petro).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no se, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso efi nnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa” (ɛno ara ne Petro a ne nkyerɛase ne Ɔbotan no).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

42 Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu hunuu no no, ɔkaa sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛaseɛ ne Petro).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Ɔde Petro kɔɔ Yesu nkyɛn. Yesu hwɛɛ Petro dinn ka kyerɛɛ no sɛ, “Wone Simon, Yohane ba no. Nanso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ wɔbɛfrɛ wo Kefa.” Ɛno ara ne Petro a nʼasekyerɛ ne Ɔbotan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

42 Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu huu no no, ɔkae sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛase ne Petro.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:42
20 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔkɔ kɔka kyerɛɛ ne wura sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na abaawa a ofi Israel asase so no ka.


Na asomafo dumien no din ni: Nea odi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro, ne ne nua Andrea; Yakob a ɔyɛ Sebedeo ba no, ne ne nua Yohane,


Na oyii dumien no, na ɔtoo Simon din Petro;


Na Simon Petro hui no, ɔhwee Yesu anan ase kae sɛ: Fi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛfo.


Simon a ɔfrɛɛ no Petro ne ne nua Andrea, Yakob ne Yohane, Filipo ne Bartolomeo,


Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na meka; me de, minim wɔn a mayi wɔn. Na saa na ɛbɛyɛ na kyerɛwsɛm no aba mu sɛ: Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me.


Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafo no mu baanu nso wɔ hɔ.


Osee no sɛ: Kɔfrɛ wo kunu bra ha!


Ɛne sɛ, mo mu biara ka sɛ: Me de, mewɔ Paulo afa, anaasɛ me de mewɔ Apolo afa, anaasɛ me de mewɔ Kefa afa; anaasɛ me de mewɔ Kristo afa.


Na ɔmaa Kefa huu no, ansa na dumien no huu no.


Paulo oo, Apolo oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, owu oo, ɛnnɛ de oo, daakye oo, nneɛma nyinaa yɛ mo dea,


Yenni ho kwan sɛ yɛde onuabea a ɔyɛ ɔyere kyin sɛ asomafo a aka no ne Awurade nuanom ne Kefa?


Ɛnna mfirihyia abiɛsa akyi no, mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔhwɛ Kefa anim, na midii ne nkyɛn nna dunum;


Na Kefa baa Antiokia no, migyinaa n’anim kasa tiaa no efisɛ na wadi mfomso bi.


Na wohuu adom a wɔde ama me no, Yakob ne Kefa ne Yohane a wobu wɔn sɛ adum no teɛɛ ayɔnkofa nsa nifa maa me ne Barnaba, sɛ yɛnkɔka asɛm no amanaman mufo mu, na wɔn de, wɔnka no twetiatwafo mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan