Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:41 - KYERƐW KRONKRON

41 Ɔno na ohuu n’ankasa ne nua Simon kan, na osee no sɛ: Yɛahu Mesaia (a ne nkyerɛase ne Kristo) no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Ɔno na ɔhunuu ɔno ara ne nua Simon kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahunu Mesaia (ne nkyerɛaseɛ ne Kristo) no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Ade a edi kan a Andrea yɛe ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no se, “Yɛahu Agyenkwa no” (Kristo no).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

41 Ɔno na ɔhunuu ɔno ara ne nua Simon kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahunu Mesaia (ne nkyerɛaseɛ ne Kristo) no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Adeɛ a ɛdi ɛkan a Andrea yɛeɛ ne sɛ, ɔkɔhwehwɛɛ ne nua Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛahunu Mesia no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Ɔno na ohuu n’ankasa ne nua Simon kan, na osee no sɛ: Yɛahu Mesaia (a ne nkyerɛase ne Kristo) no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:41
21 Iomraidhean Croise  

Ɛnna wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Nea yɛreyɛ yi nye, ɛnnɛ da yi yɛ asɛmpa da, na yɛn de, yɛayɛ komm; na sɛ yɛtwɛn kosi adekyee a, asotwe bi bɛto yɛn; enti momma yɛnkɔ ahemfi nkɔka!


Asase so ahemfo tu agyina, na aman sodifo bom tu agyina tia AWURADE ne nea wasra no no sɛ,


Wodɔ trenee, na wotan abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigye ngo asra wo sen wo mfɛfo.


Mahu m’akoa Dawid, mede me ngo kronkron masra no.


Na AWURADE honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo;


Hwɛ, ababaa no benyinsɛn, na wawo babanin, na wɔato ne din Imanuel (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ).


Na wohuu no no, wɔkaa abofra no ho asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no.


Na dɔn no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Nyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.


Filipo huu Natanael, na osee no sɛ: Nea Mose, wɔ mmara no mu, ne adiyifo no kyerɛw ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ofi Nasaret no.


Ɔbea no see no sɛ: Minim sɛ Mesia (a wɔfrɛ no Kristo) no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn ne nyinaa.


Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na wohyiae ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


nea yɛahu na yɛate na yɛka kyerɛ mo, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne ba Yesu Kristo na ɛwɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan