Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛnam ne so na wɔbɔɔ ade nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛnam ne so na wɔbɔɔ adeɛ nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:3
20 Iomraidhean Croise  

Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Na Onyankopɔn kae sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn sɛso, na wonni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.


Tete bemee na wohyɛɛ asase ase, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anom honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfo panyin na meyɛ n’adɔde daa daa; m’ani gye n’anim bere nyinaa mu,


Me na mebɔɔ asase, na mebɔɔ ɛso nnipa wɔ so; me na me nsa trɛw ɔsoro mu, na mehyɛ mu asafo nyinaa.


Na sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no, ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntena so, Mene AWURADE, na obi nni hɔ bio.


Ɔwɔ wiase dedaw, na wɔnam no so na ɛyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no.


Ɔno ara na mfiase no ɔne Nyankopɔn wɔ hɔ.


yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.


na memma nnipa nyinaa nhu ahintasɛm a efi tete mmere so hintawee wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho adwuma no,


Gyidi na yɛde te ase sɛ wiase ahorow, wɔde Onyankopɔn asɛm na asiesie, enti nea ani tuae fi nneɛma a ɛnna adi mu na ɛbae.


Obiara a ogye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ nea ɔwoe no, ɔdɔ nea ɔwoo no no nso.


Na Laodikea asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo no, Onyankopɔn abɔde farebae no, se:


Awurade, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ na wɔbɔe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan