Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na wobisaa no sɛ: Ɛnne na hena ne wo? Wone Elia? Na ose: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifo no? Na obuae sɛ: Dabi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na wɔbisaa no sɛ: Ɛnneɛ na hwan ne wo? Wone Elia? Na ɔse: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifoɔ no? Na ɔbuaa sɛ: Dabi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Wobisaa no se, “Ɛno de, na wone hena, Elia ana?” Obuaa wɔn se, “Dabi.” Wobisaa no bio se, “Wone Odiyifo no?” Ɔsan buaa wɔn se, “Dabi”.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔbisaa no sɛ: Ɛnneɛ na hwan ne wo? Wone Elia? Na ɔse: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifoɔ no? Na ɔbuaa sɛ: Dabi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ, na wone hwan, Elia anaa?” Ɔbuaa wɔn sɛ, “Dabi.” Wɔbisaa no bio sɛ, “Wone Odiyifoɔ no?” Ɔsane buaa wɔn sɛ, “Dabi”.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na wobisaa no sɛ: Ɛnne na hena ne wo? Wone Elia? Na ose: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifo no? Na obuae sɛ: Dabi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:21
12 Iomraidhean Croise  

Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛse a ɛyɛ hu no aba.


Na sɛ mopɛ sɛ mugye a, oyi ne Elia a ɔreba no.


Na wose: Ebinom se: Yohane suboni no. Na ebinom se: Elia. Na ebinom nso se: Yeremia anaa adiyifo no mu biako.


Na nkurɔfo akuwakuw no se: Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bedi n’anim akɔdan agyanom koma aba wɔn mma so, ne asoɔdenfo akɔ treneefo adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.


Ɛnna wosee no sɛ: Ɛhena ne wo? Na yennya bi nkobua wɔn a wɔsomaa yɛn no; woka wo ho asɛm bɛn?


Na wobisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no anaa Elia anaa odiyifo no a, ɛnne adɛn nti na wobɔ asu yi?


Afei nnipa no huu sɛnkyerɛnne a Yesu yɛe no, wɔkae sɛ: Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!


Ɛnna nkurɔfokuw no mu pii tee asɛm yi no, wɔkae sɛ: Odiyifo no ni ampa!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan