Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɛfiri ne mayɛ no mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ofi ne mmɔborɔhunu a to ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɛfiri ne mayɛ no mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔfiri ne mmɔborɔhunu a ɛtoɔ ntwa da no mu hyira yɛn nyinaa daa daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na efi ne mayɛ mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:16
24 Iomraidhean Croise  

Wɔnantew fi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu bepue Onyankopɔn anim, Sion.


Hena ne wo, bepɔw kɛse wobɛdan asasetaw Serubabel anim? Na ɔde atifi bo no befi adi aba, na wɔabobɔ so ose sɛ: Ɔdom, ɔdom mmra so.


Na obiara a ɔwɔ no, wɔbɛma no, na wanya aboro so; na obiara a onni no, nea ɔwɔ mpo wobegye ne nsam.


Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


Na ɔno de, osiw no kwan sɛ: Me mmom a ehia me sɛ wobɔ me asu no na woba me nkyɛn yi?


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfo nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma.


Na sɛ ɛnam obiakofo no so na owu de obiakofo no mfomso dii hene a, wɔn a wɔanya adom ne trenee akyɛde a ɛboro so no nam obiakofo no, Yesu Kristo, so bedi ahene wɔ nkwa mu.


ɔno nso na yɛnam de gyidi anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Onyankopɔn anuonyam ho anidaso mu.


Na mmara no de ɛbae sɛ mfomso no nnɔɔso, na nea bɔne adɔɔso no, ɔdom aboro so akyɛn no.


Na mo de, munni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Onyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea.


a ɛne ne nipadua no, nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ nneɛma nyinaa mu no mayɛ.


na moahu Kristo dɔ a ɛtra nhumu no, na Onyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.


Efisɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu,


Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora.


Wɔhwehwɛɛ bere ko ne bere horow a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu dii kan daa no adi faa n’amanehunu ne akyiri animuonyam a ɛbɛba no ho.


sɛnea Agya Onyankopɔn nim a onim dedaw no te no, wɔ honhom ahotew mu, de akɔ asoɔmmerɛw ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoe mmoroso nka mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan