Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:13 - KYERƐW KRONKRON

13 a emfi mogya anaasɛ nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ mu, na mmom efi Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 a ɛmfiri mogya anaasɛ deɛ ɔhonam pɛ anaasɛ deɛ ɔbarima pɛ mu, na mmom ɛfiri Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 wɔ honhom fam a emfi onipa anaa ɔhonam fam, na mmom efi Onyankopɔn ankasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 a ɛmfiri mogya anaasɛ deɛ ɔhonam pɛ anaasɛ deɛ ɔbarima pɛ mu, na mmom ɛfiri Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 wɔ honhom fam, a ɛmfiri onipa anaa ɔhonam fam, na mmom ɛfiri Onyankopɔn ankasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 a emfi mogya anaasɛ nea ɔhonam pɛ anaa nea ɔbarima pɛ mu, na mmom efi Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:13
25 Iomraidhean Croise  

Na nkokoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ose: Sɛ ɛte saa a, na mete hɔ yɛ dɛn? Na okobisaa AWURADE.


Na Isak dɔ Esau, efisɛ ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka de ɔdɔ Yakob.


Na Isak de ahopopo kɛse pa kae sɛ: Hena mpo ne nea ɔkɔyɛɛ ha de brɛɛ me, na midii ne nyinaa ansa na woreba, na mihyiraa no no? Nso ɔbɛyɛ nea wɔahyira no.


na noa me akɔnnɔduan sɛnea mepɛ, na fa brɛ me, na minni, na menhyira wo ansa na mawu.


Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.


Na munnsusuw nnse mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.


Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokwarem pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.


Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔmaa no nyinii.


na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma mo mu, na monya ɔpɛ na moyɛ adwuma nyinaa sɛnea ɛbɛsɔ n’ani.


emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa.


Ɔnam n’ankasa pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔde no mu adekan bi.


Na wɔamfi aba a ɛporɔw mu, na mmom wɔafi nea ɛmporɔw mu, ɛne sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm a ɛte ase na ɛbɛtena hɔ no so awo wɔn foforo.


Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu,


na mompɛ asɛm no nufusu kronkron mapa, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu,


Obiara a Onyankopɔn awo no no nyɛ bɔne, efisɛ ne su te ne mu, na ontumi nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn na wawo no.


Adɔfo, momma yɛnnodɔ yɛn ho; na ɔdɔ fi Nyankopɔn mu, na obiara a ɔdɔ no, Onyankopɔn na wawo no, na onim Nyankopɔn.


Obiara a ogye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ nea ɔwoe no, ɔdɔ nea ɔwoo no no nso.


Yenim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne; na mmom nea Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefo no nka no.


Efisɛ biribiara a Onyankopɔn woe no di wiase so nkunim, na nkunim a adi wiase so ne yɛn gyidi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan