Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yohane 1:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na wɔn a wɔgyee no, na wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yohane 1:12
27 Iomraidhean Croise  

Na woasiesie wo man Israel afa de wɔn ayɛ wo man akosi daa, na wo AWURADE, woayɛ wɔn Onyankopɔn.


mɛma wɔn me fi ne m’afasu mu afa ne din a eye sen mmabanin ne mmabea; daa din a wɔrentwa nkyene na mede mɛma mo.


Na mise: Mede wo mesi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo anuonyam apɛgyade, mama wo. Na mise: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensan mfi m’akyi bio.


Nanso Israel mma dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wonsusuw na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn teasefo mma.


Nea ogye mo no gye me, na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no.


Na ne din so na amanaman de wɔn ho bɛto.


Na obiara a obegye abofra a ɔte sɛɛ biako me din mu no, wagye me;


Ɔbaa n’ankasa ne de mu, na wɔn a wɔyɛ n’ankasa de no annye no.


Ɔno na ɔbaa adansedi sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, na nnipa nyinaa nam no so agye adi.


na ɛnyɛ ɔman no nko, na sɛ ɔbɛka Onyankopɔn mma a wɔapete no nyinaa nso abom ayɛ wɔn biako.


Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no ase no, afahyɛ no ase nnipa bebree huu ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, na wogyee ne din dii.


Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu.


Nea ogye no di no, wommu no atɛn; na nea onnye nni no, wɔabu no atɛn dedaw sɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no din no anni.


Na ɛnam ne din mu gyidi so ne ne din so na ama oyi a muhu no na munim no yi ho ayɛ no den. Yiw, Yesu mu gyidi na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.


Na dodow a Onyankopɔn honhom di wɔn kan no, wɔn na wɔyɛ Onyankopɔn mma.


Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.


Na abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi.


Na mmom, mo nyinaa nam gyidi so yɛ Onyankopɔn mma, Kristo Yesu mu,


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo komam a ɔteɛm sɛ: Abba, agya!


Enti sɛnea mugyee Awurade Kristo Yesu no, monnantew no mu saa ara,


Ɛno nso so na ɔnam akyɛ yɛn bɔhyɛ a ɛsosoe akɛseakɛse a ne bo yɛ den, na sɛ moanya aguan akɔnnɔ mu porɔw a ɛwɔ wiase a, moafa eyinom so anya Onyankopɔn su no bi.


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no.


Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn.


Adɔfo, afei yɛyɛ Onyankopɔn mma, na nea yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte.


Na eyi ne n’ahyɛde, sɛ yennye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛnea ɔmaa yɛn ahyɛde no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan