Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 da a Awurade de atemmu honhom ne ɔhyew honhom bɛhohoro Sion mmabea ho fi na wayi Yerusalem mogya so afi mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Awurade bɛhohoro Sion mmea ho fi; ɔde atemmu honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekae a ɛwɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Awurade bɛhohoro Sion mmaa ho fi; ɔde atemmuo honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekaawa a ɛwɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 da a Awurade de atemmu honhom ne ɔhyew honhom bɛhohoro Sion mmabea ho fi na wayi Yerusalem mogya so afi mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 4:4
29 Iomraidhean Croise  

Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa, na prapra me ho fi me bɔne mu.


Sion mmabea, mumfi adi mmɛhwɛ ɔhene Solomon, abotiri a ne na de bɔɔ no, ne yere hyia da ne ne koma anigye da no.


Na sɛ motrɛw mo nsam a, meyi m’ani mahintaw mo; nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama.


Na mɛdan me nsa maba wo so, na mede gyakisi mɛnan wo mayi wo mu fi, na mayi wo sumpii mfrafrae nyinaa makɔ.


Na ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ asaawa mfuturu, na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturuturuwii, wɔ ne wɔn nnwuma nyinaa bɛhyew, a obiara rennum.


Enti, eyi na wɔde bɛkata Yakob amumɔyɛ so, na oyi a wɔreyi ne bɔne akɔ no so aba nyinaa ni: Sɛ ɔbɛma afɔremuka abo no nyinaa ayɛ sɛ akado atɔw a afurofurow, na Asera nnua ne owia adum nsisi hɔ bio.


ne atemmu honhom ama nea watena ase rebu atɛn no, ne mmaninyɛ ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsan kɔ wɔn kurow pon ano no.


Asafo AWURADE abufuhyew nti na asase no ahyew tumm, na ɔman no ayɛ sɛ ade a wɔde sɔ gya; obi nkora ne nua so.


Na ɔko kitikitiyɛ mu akofo mpaboa nyinaa ne ntama a wɔde afɔtɔfɔtɔw mogya no, wɔbɛhyew no sɛ ade a wɔde sɔ gya.


Wɔn tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wohu me, AWURADE asɛm ni.


N’ahohwi bra ada adi n’atade mmuano mu; wannwene ne daakye ho, enti n’asehwe yɛ hu; onni ɔwerɛkyekyefo bi. AWURADE, hwɛ m’amane, na ɔtamfo di akokurokosɛm!


Na mɛbɔ wo mapete amanaman mu, na mapansam wo, nsaase so, na meyi wo fi no koraa mafi wo mu;


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


Na megye mo afi mo fi nyinaa mu, na mɛfrɛ aduan ma adɔɔso, na meremfa ɔkɔm bi memma mo so,


Na mɛtɔ wɔn mogya so were, nea mentɔe no, na AWURADE bɛtena Sion ara.


Due, atuatew kurow a wɔahura ho, nhyɛsofo kurow.


Ɛda no, wobebue nsuaniwa ano ama Dawid fi ne Yerusalemfo, bɔne ne ahokum fam.


Na mede nkyɛmu a ɛto so abiɛsa no mɛfa ogya mu, na manan wɔn sɛ wɔnan dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛ woyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mebua wɔn; mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: Awurade me Nyankopɔn!


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhyew sɛ fononoo, na ahantanfo nyinaa ne obiara a odi abɔnefosɛm bɛyɛ sakran, na ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa baa.


Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan