Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 4:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Ɛda no na AWURADE baa no bɛyɛ fɛfɛɛfɛ nyamnyam, na asase so aba bɛyɛ ahohoahoade ne ahyehyɛde ama Israel nkae a wɔanya nkwa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase so aba bɛyɛ ahoahoadeɛ ne ahyehyɛdeɛ ama Israel nkaeɛ a wɔanya nkwa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saa da no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya anuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne anuonyam ama Israel nkae no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase so aba bɛyɛ ahoahoadeɛ ne ahyehyɛdeɛ ama Israel nkaeɛ a wɔanya nkwa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saa ɛda no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya animuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne animuonyam ama Israel nkaeɛfoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɛda no na AWURADE baa no bɛyɛ fɛfɛɛfɛ nyamnyam, na asase so aba bɛyɛ ahohoahoade ne ahyehyɛde ama Israel nkae a wɔanya nkwa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 4:2
40 Iomraidhean Croise  

Asase abɔ n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.


Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow sɛ Lebanon, na nkurow no asoa sɛ asase so wura.


Na pam kronkronyɛ ntade ma wo nua Aaron, anuonyam ne fɛw so.


na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo; na ɔde n’anom abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anom honhom akum ɔbɔnefo;


Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase so sɛ: Yɛwɔ kurow a ɛyɛ den ɔde nkwagye ayɛ afasu ne mpempe.


Nna a ɛbɛba no mu Yakob begye ntini, na Israel afefɛw agu nhwiren, na wɔde aba ahyɛ wiase ani mama.


Na ɔbɛma osu agu w’aba a woagu ɛfam ne asase nnɔbae aduan so, na ayɛ aduan pa sɔɔsɔɔ. Wo mmoakuw bedidi da no, adidibea a ɛtrɛw so;


Ɔsoro, momma trenee mfi soro nsosɔ, na emfi amununkum mu ntɔ; asase mmue, na ɛmfa ogye mmra, na ɛne trenee mmom mfifi: Me, AWURADE, na mebɔe.


Na ofifii sɛ duforo n’anim, sɛ asase kesee mu ntini; onni su anaa anuonyam, a ɛma yɛhwɛ no, na hwee nni ne ho a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.


Nea anka wogyaw wo na wɔtan wo na obi bi mfa wo mu no, mɛma wo daa kɛseyɛ na mayɛ wo awo ntoatoaso a edidi so anigye.


Na wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, wobedi asase no so akosi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam.


Na sɛ asase ma ne mfifii pue, na turo ma nea wɔadua mu fifi no, saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma trenee ne ayeyi afifi amanaman nyinaa anim.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.


Nna no mu ne bere no so na mɛma trenee baa afefɛw ama Dawid, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.


na Yuda nkae a wɔakɔ Misraim akɔsoɛ hɔ ahɔho no mu biara remfi mu anaasɛ ɔrenka na wɔasan aba Yuda asase a wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ hɔ no so kɔtena hɔ no, efisɛ obi bi rensan mma, gye aguanfo.


Na nnipa kakraa bi a wobefi afoa ano afi no bɛsan afi Misraim asase so aba Yuda asase so, na Yuda nkae a wɔbaa Misraim asase so bɛsoɛɛ hɔ ahɔho no nyinaa behu onii a n’asɛm begyina, me de oo, wɔn de oo!


Na mesiesie afuw a ɛyɛ krabɛhwɛ mama wɔn, na ɔkɔm rempra wɔn bio asase no so, na wɔrensoa amanaman ahohora bio;


Na mo, Israel mmepɔw, mubeyiyi mo abaa na moasow mo aba ama me man Israel, efisɛ wɔabɛn reba.


Na wɔn mu aguanfo fi mu a, wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔw so, na wɔn nyinaa ayɛ sɛ abon mu mmorɔnoma a wosisi apini, obiara n’amumɔyɛ ho.


Na obiara a ɔbɛbɔ AWURADE din no, wobegye no nkwa; na bepɔw Sion so ne Yerusalem na sɛnea AWURADE aka no, nnipa a wɔafi mu afi, ne nnipa a AWURADE refrɛ wɔn, afi wɔn a aka no mu bɛtena, nkwa bɛtena, sɛnea AWURADE aka no.


Na ɛda no, mmepɔw bɛsosɔ nsamono, na nkoko asen nufusu, na nsu asen Yuda abon nyinaa mu; na nsuaniwa befi AWURADE fi asen, na akɔfɔw Sitim bon no.


Na Sion bepɔw so de, mfimufo bɛtena hɔ, na ayɛ kronkronbea, na Yakob fi bɛfa wɔn agyapade adi so.


Tie ɛ, ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no, efisɛ wɔyɛ anwonwafo; na hwɛ, mede m’akoa “Baa” reba.


na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Hwɛ, ɔbarima bi a “Baa” ne ne din, na ɔbɛfefɛw n’ananmu, na obesi Awurade asɔredan no.


Na ne yiye ne dɛn, na n’ahoɔfɛ ne dɛn? Aduan bɛma mmerante anyinyin na nsamono ama mmabaa nso ani agye.


Na wɔbɛyɛ me de, asafo AWURADE na ose, ɛda a mɛyɛ eyi no wɔbɛyɛ m’ankasa de, na mɛkyɛe wɔn so sɛnea obi kyɛe ne ba a ɔsom no no so.


Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti wobetwa nna no so.


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina Onipa Ba no anim.


Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.


Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.


Na ɛnyɛ anansesɛm a wɔtoo no nyansam akyi na yedi kaa mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba no ho asɛm, na mmom yɛyɛɛ n’anuonyam kɛse no ho adansefo a na yɛn ani tuae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan