Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Yesaia 4:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na mmea baasɔn besuso ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yebedi yɛn ankasa aduan, na yɛahyɛ yɛn ankasa ntade; ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so; na yi yɛn aniwu fi yɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yɛbɛdi yɛn ara yɛn aduane, na yɛahyɛ yɛn ara yɛn ntadeɛ, ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so, na yi yɛn aniwuo firi yɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa da no, mmea baason beso ɔbarima baako mu aka se, “Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhama na yɛn ankasa apɛ yɛn adurade; ma wo din nna yɛn so kɛkɛ. Yi ahohora fi yɛn so!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yɛbɛdi yɛn ara yɛn aduane, na yɛahyɛ yɛn ara yɛn ntadeɛ, ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so, na yi yɛn aniwuo firi yɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saa ɛda no, mmaa baason bɛsɔ ɔbarima baako mu aka sɛ, “Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhoma na yɛn ankasa apɛ yɛn aduradeɛ; ma wo din nna yɛn so kɛkɛ. Yi ahohora firi yɛn so!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na mmea baasɔn besuso ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yebedi yɛn ankasa aduan, na yɛahyɛ yɛn ankasa ntade; ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so; na yi yɛn aniwu fi yɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Yesaia 4:1
15 Iomraidhean Croise  

Na onyinsɛnee, na ɔwoo babarima, na ose: Onyankopɔn ayi m'ahohora.


Na Saul babea Mikal annya ɔba de kosii ne wuda.


Na da no, Israel nkae ne Yakob fi aguanfo no rentweri nea ɔhwee wɔn no bio, na wobetweri AWURADE, Israel kronkronni no, nokware mu.


mɛma ɔdasani ho ayɛ na asen sika amapa, na onipa sen Ofir sika kɔkɔɔ.


Ɛda no na onipa ani begyina ne yɛfo, na n’aniwa bɛhwɛ Israel kronkronni no;


Nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na nnipa ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Obi mpo bɛkyere obusuani ne nua a ɔwɔ n’agya fi mu sɛ: Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn panyin, na ɔhaw pii yi mmra wo nsa ase a,


Nsuro, na w’ani renwu, nsi wo ti ase, na w’anim renkisa, na wo werɛ befi wo mmabaabere mu aniwu, na wo kunayɛ ahohora no, worenkae bio.


Wɔn akunafo dɔɔso sen mpoano anwea, mede ɔsɛefo maba mmerante no awofo so na awia ketee nso, mama piriwbɔ ne nketenkete agu no so mpofirim;


Sɛnea Awurade ayɛ me, nna a wabɛhwɛ me sɛ obeyi m’ahohora afi nnipa mu no, ni.


efisɛ eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw no nyinaa aba mu.


Na wɔn a wɔte saa no, yɛhyɛ wɔn tu wɔn fo, yɛn Awurade Yesu Kristo mu, sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa mpɛ wɔn anoduan.


Na ne kora no yi no ahii pii, de huru ne bo, efisɛ AWURADE ato ne yafunu mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan